Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 4:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. Ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak siane firii Tabor bepɔ soɔ, na nnipa mpem du no dii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. Ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak siane firii Tabor bepɔ soɔ, na nnipa mpem du no dii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Afei, Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ, “Yɛ ahoboa! Nnɛ ne da a Awurade de Sisera so nkonimdi bɛma wo, efisɛ, Awurade atu ɔsa adi wʼanim.” Enti Barak dii nʼakofo mpem du anim sian Tabor bepɔw no kɔkoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Afei, Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ, “Yɛ ahoboa! Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade de Sisera so nkonimdie bɛma wo, ɛfiri sɛ, Awurade atu sa adi wʼanim.” Enti, Barak dii nʼakodɔm ɔpedu anim sianee Tabor bepɔ no kɔkoeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. So ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak sian fii Tabor bepɔw so, na nnipa ɔpedu no dii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 4:14
13 Iomraidhean Croise  

Na Lot firii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmammaa no kɔkasaa sɛ: Monsɔre mfiri ha, na AWURADE rebɛsɛe kuro yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.


Wɔfirii kuro no mu kɔeɛ na wɔnnya nnuruu akyirikyiri no, Yosef ka kyerɛɛ ne fie panin no sɛ: Sɔre, ti mmarima no, na sɛ woto wɔn a, ka kyerɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mode bɔne tua papa ka?


Na sɛ wote nanteɛ nka baka nnua no atifi a, ɛnneɛ ka wo ho, ɛfiri sɛ ɛkyerɛ sɛ AWURADE afiri redi w’anim akɔkum Filistifoɔ dɔm no.


Na ɛnyɛ ɛherɛ so na mobɛfiri adie, na ɛnyɛ dwane so na mobɛnanteɛ, na AWURADE redi mo anim, na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm.


Otwafoɔ di wɔn anim reforo aba. Wɔbɔ kirididi sene fa kuro pono mu, na wɔfa mu firi adi bio. Na wɔn hene sene di wɔn anim, na AWURADE di wɔn kan.


Na hunu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne deɛ ɔdi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyeɛ; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ woɔ no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsa na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.


Sɔre te ɔman no ho na ka sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena; na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Ahyiradeɛ wɔ wo mu, Israel! Worentumi nnyina w’atamfo anim kɔsi sɛ mobɛyi ahyiradeɛ no afiri mo mu.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre na yɛnkɔ. Na obiara annye so. Ɛnna ɔbarima no faa no too afunumu no soɔ, na ɔsɔre kɔɔ ne kurom.


Na Barak maa wɔkɔpae hyiahyiaa Sebulon ne Naftali baa Kedes, na nnipa mpem du dii ne nan so foro kɔe; na Debora nso ne no kɔeɛ.


Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre siane kɔ nsraban no mu, na mede mahyɛ wo nsa.


Na wɔsɔree nhema; na adeɛ rekye no, Samuel frɛɛ Saulo ɛdan atifi sɛ: Sɔre na mennya wo kwan. Na Saulo sɔree, na wɔn baanu no, ɔno ne Samuel, firii adi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan