Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 4:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Barak maa wɔkɔpae hyiahyiaa Sebulon ne Naftali baa Kedes, na nnipa mpem du dii ne nan so foro kɔe; na Debora nso ne no kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Barak maa wɔkɔpae hyiahyiaa Sebulon ne Naftali baa Kedes, na nnipa mpem du dii ne nan so foro kɔe; na Debora nso ne no kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Kedes hɔ, Barak frɛfrɛɛ Sebulon abusuakuw ne Naftali abusuakuw mu nnipa nyinaa, na akofo mpem du ne no kɔe. Debora nso kaa wɔn ho kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Kedes hɔ, Barak frɛfrɛɛ Sebulon abusuakuo ne Naftali abusuakuo mu nnipa nyinaa, na akofoɔ ɔpedu ne no kɔeɛ. Debora nso kaa wɔn ho kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Barak ma wɔkɔpae hyiaa Sebulon ne Naftali baa Kedes, na nnipa ɔpedu dii n’akyi foro kɔe; na Debora nso ne no kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 4:10
9 Iomraidhean Croise  

Na Israel hene buaa sɛ: Monkɔka sɛ: Mma deɛ ɔhyɛ akodeɛ nnhoahoa ne ho sɛ deɛ ɔyie.


Wo Nyankopɔn ahyɛ de wo tumi ama wo, Onyankopɔn, hyɛ deɛ woayɛ ama yɛn yi mu den.


Na wo nkoa yi nyinaa bɛsiane aba me nkyɛn abɛkoto me aka sɛ: Firi adi kɔ, wo ne ɔman a ɛdi w’akyire no nyinaa. Na ɛno akyiri no mɛfiri makɔ. Na ɔde abufuhyeɛ firii Farao nkyɛn kɔe.


Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. Ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak siane firii Tabor bepɔ soɔ, na nnipa mpem du no dii n’akyi.


Na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Abinoam ba Barak firi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ hyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Kɔ, pinkyɛ Tabor bepɔ, na fa Naftalifoɔ ne Sebulonfoɔ mu mmarima mpem du ka wo ho?


Na Isakar mu asafohene kaa Debora ho, na Isakar yɛɛ Barak okyiritaafoɔ, wɔtiaa ne nan mu kɔguu bonhwa mu. Ruben asuwa ano na akoma mu pɔbɔ a ɛsoso wɔ.


Sebulon yɛ ɔman a ɔde ne kra sɔɔ owuo hwɛeɛ, ne Naftali nso wɔ petee mu sorɔnsorɔmmea.


Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Manase nyinaa na wɔn nso hyia bɛdii n’akyi. Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Aser ne Sebulon ne Naftali, na wɔforo ba bɛhyiaa no.


Na afei, akyɛdeɛ a w’afenaa de abrɛ me wura yi, ma wɔmfa mma mmeranteɛ a wɔdi me wura akyire no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan