Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 3:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa Israelfoɔ no maa no gyee wɔn, Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa Israelfoɔ no maa no gyee wɔn, Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso Israelfo su frɛɛ Awurade no, oyii ɔbarima bi sɛ ogyefo maa wɔn. Ne din ne Otniel a ɔyɛ Kaleb nua kumaa Kenas babarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no, ɔyii ɔbarima bi sɛ ɔgyefoɔ maa wɔn. Ne din ne Otniel a ɔyɛ Kaleb nua kumaa Kenas babarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Israelfo su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ogyefo bi so maa Israelfo ma ogyee wɔn: Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 3:9
15 Iomraidhean Croise  

Ɛnna wode wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafoɔ nsa, na wɔhiahiaa wɔn ho. Na wɔn ahohiahia berɛ mu no, wɔsu frɛɛ wo, na wo deɛ, wofiri soro tiee wɔn, na sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu kɛseɛ teɛ no, wode agyefoɔ maa wɔn, na wɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahiafoɔ no nsam.


Wo na wɔteaa mu frɛɛ woɔ, na wɔnyaa nkwagyeɛ, wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu.


Ɔreku wɔn no, na wɔhwehwɛɛ no, na wɔsane bɛpɛɛ Nyankopɔn akyiri kwan ntɛm,


Ɛnna Kaleb nua Kenas ba Otniel kɔfaeɛ, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ.


Na Kaleb nua kumaa Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ.


Ɛnna Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagya yɛn Nyankopɔn hɔ na yɛakɔsom Baalim.


Nanso AWURADE memaa atemmufoɔ so maa wɔgyee wɔn nkwa firii wɔn afomfafoɔ no nsam.


Na sɛ AWURADE ma atemmufoɔ so ma wɔn a, ɛnneɛ AWURADE di ɔtemmufoɔ no akyi na ɔgye wɔn firi wɔn atamfoɔ no nsam, ɔtemmufoɔ no nna nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn ahafoɔ ne wɔn taafoɔ anim apinisie no nti, AWURADE yam hyehyee no.


Ɛnna Israel mma no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkumma no. Na Israelfoɔ no de ayɛyɛdeɛ nam ne so kɔmaa Moabhene Eglon.


Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfoɔ som Kusan-risataim mfirinhyia nwɔtwe.


Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.


Na Midian nti Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE no,


Na wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛagya AWURADE hɔ akɔsom Baalim ne Astarot, na afei yi yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam, na yɛbɛsom wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan