Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 3:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Ɛnna Israel mma no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkumma no. Na Israelfoɔ no de ayɛyɛdeɛ nam ne so kɔmaa Moabhene Eglon.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Ɛnna Israel mma no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkum no. Na Israelfoɔ no de ayɛyɛdeɛ nam ne so kɔmaa Moabhene Eglon.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Nanso Israelfo no su frɛɛ Awurade bio no, Awurade maa wɔn ogyefo. Ne din ne Ehud, Gera babarima a ɔyɛ abenkumma na ofi Benyamin abusuakuw mu. Israelfo no somaa Ehud sɛ ɔmfa wɔn sonkahiri sika nkɔma Moabhene Eglon.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Nanso Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade bio no, Awurade maa wɔn ɔgyefoɔ. Ne din ne Ehud, Gera babarima a ɔyɛ abenkumma na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Israelfoɔ no somaa Ehud sɛ ɔmfa wɔn apeatoɔ sika nkɔma Moabhene Eglon.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Ɛnna Israelfo su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ogyefo bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkumma no. Na Israelfo de ayɛyɛde nam no so kɔmaa Moab hene Eglon.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 3:15
22 Iomraidhean Croise  

Na Amasa anhwɛ nkrantɛ a ɛkura Yoab nsam no, na ɔde wɔɔ ne yafunu mu tuee ne nsono guu fam, na wamfoa no so, na ɔwui. Na Yoab ne ne nua Abisai tii Bikri ba Seba.


Na Yoab bisaa Amasa sɛ: Me nua, wo ho yɛ anaa? Na Yoab de ne nsa nifa kɔsɔɔ Amasa bɔgyesɛ mu sɛ ɔrefe n’ano.


taduakurafoɔ a wɔtumi de nifa ne benkum to aboɔ ne agyan tadua soɔ.


Na Bela mma ne: Adar, Gera, Abihud,


Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ ba mmaako mmaako, dwetɛ nnoɔma ne sika nnoɔma ne ntadeɛ, akodeɛ ne nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, afe biara ne ne deɛ.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Ɔreku wɔn no, na wɔhwehwɛɛ no, na wɔsane bɛpɛɛ Nyankopɔn akyiri kwan ntɛm,


Ma yɛn ho nsane yɛn, sɛ nna a wobrɛɛ yɛn ase wɔ mu ne mfeɛ a yɛhunuu mu bɔne no.


Onipa ayɛyɛdeɛ bɔ kwan ma no, na ɛde no ba nnipa akɛseɛ anim.


Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfoɔ, na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyiefoɔ nnamfo.


Kokoam adekyɛ pata abufuo, na kokom adanmudeɛ dwodwo abufuhyeɛ.


Monntie Hesekia! Na sɛ Asiriahene seɛ nie: Mo ne me nni asomdwoeɛsɛm, na momfiri mmra me nkyɛn; ɛno na mo mu biara bɛdi ɔno ara ne bobe, ne ɔno ara ne borɔdɔma na wanom ɔno ara n’abura mu nsuo


Frɛ me, na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nnoɔma a ahunta a wonhunuiɛ.


Nanso AWURADE memaa atemmufoɔ so maa wɔgyee wɔn nkwa firii wɔn afomfafoɔ no nsam.


Dɔm yi nyinaa mu mmarima a wɔayi wɔn ahanson yɛ abenkumma, wɔn nyinaa tumi to enwi mu ntɔmmoɔ a ɛmfom.


Na Israelfoɔ som Moabhene Eglon mfeɛ dunwɔtwe.


Na Ehud yɛɛ sɛpɔ anofanu a ne tentene yɛ anammɔn baako ne fa, na ɔde bɔɔ n’akotadeɛ ase, ne dwonku nifa so.


Na Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa Israelfoɔ no maa no gyee wɔn, Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.


Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.


Na nnipa hunu bi kaa sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wɔbuu no animtia, na wɔamfa ayɛyɛdeɛ ammrɛ no. Na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔnteɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan