Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 3:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na asase no so dwoo mfirinhyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na asase no so dwoo mfirinhyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Enti asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Enti, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na asase no so dwoe mfirihyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 3:11
11 Iomraidhean Croise  

Na Kenas mma ne: Otniel ne Seraia; na Otniel mma ne: Hatat.


Na wɔnyaa asomdwoeɛ pɛ no, wɔsane kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wogyaa wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔdii wɔn so. Ɛnna wɔsane su frɛɛ woɔ; na wo nso wofiri soro tiee wɔn, na woyii wɔn sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ, berɛ ahodoɔ no mu.


sɛ nna a Yudafoɔ nyaa mu home firii wɔn atamfoɔ nsam, ne bosome a ɛdanee wɔn firii awerɛhoɔ mu kɔɔ anigyeɛ mu, na ɛfirii abooboodie mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontoɔ ne anigyeɛ ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafoɔ adekyɛ nna.


Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.


Ɛnna Kaleb nua Kenas ba Otniel kɔfaeɛ, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ.


Na AWURADE honhom baa ne so, na ɔbuu Israel atɛn na ɔfirii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim hyɛɛ ne nsa, na ne nsa yɛɛ Kusan-risataim so den.


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; na AWURADE hyɛɛ Moabhene Eglon den tiaa Israel, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na wɔbrɛɛ Moab ase da no ara, Israel nsa ase. Na asase no so dwoo mfirinhyia aduɔwɔtwe.


Na Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa Israelfoɔ no maa no gyee wɔn, Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.


Saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛeɛ, AWURADE, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a ɛfiri n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoo mfeɛ aduanan.


Na wɔbrɛɛ Midian ase Israelfoɔ anim, na wɔamma wɔn tiri so bio. Na asase no so dwoo Gideon nna mu mfirinhyia aduanan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan