Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 21:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na wɔkaa sɛ: Israel mmusuakuo mu hwan ara mpo na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfiri Yabes-gilead amma badwa no mu, nsraban no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na wɔkaa sɛ: Israel mmusuakuo mu hwan ara mpo na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfiri Yabes-gilead amma badwa no mu, nsraban no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Enti wobisae se, “Bere a yɛde yɛn ho kyerɛɛ Awurade wɔ Mispa no na obi nni hɔ bi ana?” Ɛhɔ na wohui sɛ, obiara amfi Yabes Gilead amma saa aguabɔ no ase bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Enti wɔbisaa sɛ, “Ɛberɛ a yɛde yɛn ho kyerɛɛ Awurade wɔ Mispa no na obi nni hɔ bi anaa?” Ɛhɔ na wɔhunuu sɛ, obiara amfiri Yabes Gilead amma saa badwa no mu bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔkae sɛ: Israel mmusuakuw mu hena ara po na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfi Yabes-gilead amma bagua no mu, nsra no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 21:8
9 Iomraidhean Croise  

Na Yabes-gileadfoɔ nyinaa tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo nyinaa no,


Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama wɔn a wɔaka no ɛyerenom fam, ɛfiri sɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu biara mma wɔn awareɛ?


Na wɔkan ɔman no, na hwɛ, na Yabes-gileadfoɔ mu biara nni hɔ.


AWURADE bɔfoɔ kaa sɛ: Monnome Meros, dome na monnome emutefoɔ no, sɛ wɔammɛdi ammoa AWURADE, wɔammɛboa AWURADE antia dɔmmanin no.


Na ɔfaa anantwie mpamho twitwaa wɔn asinasini de hyehyɛɛ abɔfoɔ no nsa soma maa wɔkɔɔ Israel asase nyinaa so kɔkaa sɛ: Obiara a wamfiri adi ammɛdi Saulo ne Samuel akyire no, sɛ wɔbɛyɛ n’anantwie nie. Ɛnna AWURADE ho hu tɔɔ ɔman no soɔ, na wɔfiri baa sɛ onipa baako.


Na wɔka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔbaeɛ no sɛ: Sei na monkɔka nkyerɛ Yabes-gileadfoɔ no nie: Ɔkyena a owia mu reyɛ den no, mobɛnya ɔgyeɛ. Na abɔfoɔ no ba bɛka kyerɛɛ Yabesfoɔ no, wɔn ani gyee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan