Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 21:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel; obiara yɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel; obiara yɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Saa bere no na Israel nni ɔhene, nti na nea nnipa no gye di sɛ eye wɔ wɔn ani so no na wɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene, enti na deɛ nnipa no gye di sɛ ɛyɛ wɔ wɔn ani so no na wɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Nna no mu no, na ɔhene bi nni Israel; obiara yɛ nea ɛteɛ n’ani so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 21:25
13 Iomraidhean Croise  

wɔn a wɔse: Yɛn tɛkyerɛma na yɛde di mmaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hwan na ɔbɛdi yɛn soɔ?


Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene onipa ani soɔ, na n’awieeɛ yɛ owuo kwan.


Fa w’akoma nyinaa bata AWURADE ho, na mfa wo ho ntwere w’ankasa wo nteaseɛ.


Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so.


Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa; deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba; deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ;


Monnyɛ sɛdeɛ yɛreyɛ no ɛha nnɛ yi biara a obiara yɛ deɛ ɛtene n’ani soɔ nyinaa no;


Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel, obiara yɛ deɛ ɛtene n’ani soɔ.


Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel; na nna no mu nso na Danfoɔ abusuakuo no rehwehwɛ agyapadeɛ atena so, ɛfiri sɛ ɛde bɛsi saa berɛ no na agyapadeɛ bi nnya mmɛtɔɔ wɔn fam Israel mmusuakuo no mu.


Na mmarima baanum no sii mu kɔduruu Lais; na wɔhunuu ɔman a ɛwɔ hɔ no sɛ wɔte hɔ dwoodwoo, sɛdeɛ Sidonfoɔ amanneɛ teɛ, wɔte hɔ komm ne dwoodwoo, na obi nni hɔ a ɔka wɔn biribiara mu na ɔdi tumi asase no soɔ, na wɔne Sidonfoɔ no ntam ware, na wɔne obi nni asɛm biara.


Na nna no mu a ɔhene biara nni Israel no, na Lewini bi wɔ hɔ, na ɔkɔyɛɛ hɔhoɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi na ɔkɔfaa mpena bi firii Betlehem Yuda.


Na Israelfoɔ no nso firii hɔ berɛ no mu kɔɔ wɔn mmusuakuo ne wɔn mmusua mu, na wɔfirii hɔ kɔɔ wɔn agyapadeɛ ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan