Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 21:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na Benyamin sane baa berɛ no mu, na wɔde mmaa a wɔgyee wɔn nkwa wɔ Yabes-gilead mmaa mu no memaa wɔn aware; nanso anso wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na Benyamin sane baa berɛ no mu, na wɔde mmaa a wɔgyee wɔn nkwa wɔ Yabes-gilead mmaa mu no memaa wɔn aware; nanso anso wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Na Benyaminfo no san kɔɔ wɔn afi mu, na wɔde mmabun a wofi Yabes Gilead a wɔankum bi no maa wɔn aware. Nanso mmea no anso wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Na Benyaminfoɔ no sane kɔɔ wɔn afie mu, na wɔde mmaabunu a wɔfiri Yabes Gilead a wɔankum bi no maa wɔn awadeɛ. Nanso, mmaa no anso wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na Benyamin san bae bere no mu, na wɔde mmea a wogyee wɔn nkwa wɔ Yabes-gilead mmea mu no momaa wɔn aware; nanso anso wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 21:14
7 Iomraidhean Croise  

Anka ɛyɛ deɛ, nanso adwamammɔ nti, ɔbarima biara nnya ɔno ara ne yere, na ɔbaa biara nnya ɔno ara ne kunu.


Na mmarima ahansia nko na wɔdanee wɔn ho dwane kɔɔ ɛserɛ soɔ kɔɔ Rimon botan no soɔ, na wɔkɔtenaa Rimon botan no so, abosome nnan.


Na wɔhunuu Yabes-gileadfoɔ no mu mmabaa ahanan a wɔnnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsraban no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ.


Ɛnna asafo no nyinaa soma maa wɔne Benyaminfoɔ a wɔwɔ Rimon botan mu no kɔkasaeɛ, na wɔkaa wɔn asomdwoeɛsɛm.


Na ɔman no yam hyehyee wɔn maa Benyamin, sɛ AWURADE ama ntemu aba Israel mmusuakuo mu.


Na sɛ wɔn agyanom anaa wɔn nuanom ba yɛn nkyɛn ne yɛn bɛham a, yɛbɛse wɔn sɛ: Monhwɛ yɛn anim nnom wɔn, na yɛannya ɛyerenom amma wɔn mmaako mmaako, akodie no mu; nso ɛnyɛ mo na mode wɔn maa wɔn, na anka sɛsɛɛ deɛ, moadi so.


Na wɔkaa sɛ: Israel mmusuakuo mu hwan ara mpo na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfiri Yabes-gilead amma badwa no mu, nsraban no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan