Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 21:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Ɛnna asafo no nyinaa soma maa wɔne Benyaminfoɔ a wɔwɔ Rimon botan mu no kɔkasaeɛ, na wɔkaa wɔn asomdwoeɛsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Ɛnna asafo no nyinaa soma maa wɔne Benyaminfoɔ a wɔwɔ Rimon botan mu no kɔkasaeɛ, na wɔkaa wɔn asomdwoeɛsɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na Israelfo bagua no somaa asomdwoe abɔfo ma wɔkɔɔ Benyaminfo nkae no a na wɔte Rimon botan ho no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na Israelfoɔ badwa no somaa asomdwoeɛ abɔfoɔ ma wɔkɔɔ Benyaminfoɔ nkaeɛ no a na wɔte Rimon botan ho no nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Ɛnna asafo no nyinaa soma ma wɔne Benyaminfo a wɔwɔ Rimon botan mu no kɔkasae, na wɔkaa wɔn asomdwoesɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 21:13
9 Iomraidhean Croise  

Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn, AWURADE na ɔseɛ, na mɛsa no yadeɛ.


Na efie biara a mobɛkɔ mu no, monse kane sɛ: Asomdwoeɛ mmra efie ha!


Na ɔba bɛkaa asomdwoeɛ ho asɛmpa kyerɛɛ mo a mowɔ akyiri ne wɔn a wɔbɛn,


Sɛ wobɛn kuro bi ne no rekɔko a, ka asomdwoeɛsɛm kyerɛ no.


ne Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon: Ne nyinaa yɛ nkuro aduonu nkron ne ɛho nkuraa.


Ɛnna wɔdanee wɔn ho dwane kɔɔ ɛserɛ so fam Rimon botan no ho; na wɔkunkumm wɔn sɛdeɛ wɔtase mpɛpɛ, atempɔn no so, mmarima mpemnum; na wɔtu taree wɔn dii wɔn akyi kɔduruu Gidom, na wɔkunkumm wɔn mu mmarima mpennu.


Na mmarima ahansia nko na wɔdanee wɔn ho dwane kɔɔ ɛserɛ soɔ kɔɔ Rimon botan no soɔ, na wɔkɔtenaa Rimon botan no so, abosome nnan.


Na wɔhunuu Yabes-gileadfoɔ no mu mmabaa ahanan a wɔnnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsraban no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ.


Na Benyamin sane baa berɛ no mu, na wɔde mmaa a wɔgyee wɔn nkwa wɔ Yabes-gilead mmaa mu no memaa wɔn aware; nanso anso wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan