Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 21:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛnna asafo no somaa akofoɔ no mu mmarima mpemdumienu, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔkum Yabes-gileadfoɔ no ne mmaa ne mmɔfra nkrantɛ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɛnna asafo no somaa akofoɔ no mu mmarima mpemdumienu, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔkum Yabes-gileadfoɔ no ne mmaa ne mmɔfra nkrantɛ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enti wɔsomaa akofo mpem dumien kɔɔ Yabes Gilead sɛ wonkokunkum obiara a ɔwɔ hɔ a mmea ne mmofra ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Enti, wɔsomaa akofoɔ mpem dumienu kɔɔ Yabes Gilead sɛ wɔnkɔkunkum obiara a ɔwɔ hɔ a mmaa ne mmɔfra ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ɛnna asafo no somaa akofofo no mu mmarima ɔpedumien, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkokum Yabes-gileadfo no mmea ne mmofra nkrante ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 21:10
9 Iomraidhean Croise  

Enti monkunkum mmɔfra no mu mmarima nyinaa, na mmaa no mu biara a ɔnim ɔbarima na ɔne ɔbarima ada no nso, monku no;


kum na fa nkrantɛ kum kuro no mufoɔ. Fa nkrantɛ sɛe ɛno ne deɛ ɛwom nyinaa ne emu afieboa pasapasa;


Ɛnna Yosua faa Sera ba Akan, ne dwetɛ ne ngusoɔ ne sika dame no, ne ne mmammarima ne ne mmammaa, ne n’anantwie ne ne mfunumu ne ne nnwan, ne ne ntomadan ne deɛ ɔwɔ nyinaa, na Israel nyinaa ka ne ho, na wɔde wɔn foro kɔɔ Akor bonhwa mu.


Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Israel mmusuakuo nyinaa mu hwan na wamma dwabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Ɛfiri sɛ wɔaka ntankɛseɛ agu deɛ wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Kum na wɔnku no.


Na wɔkaa sɛ: Israel mmusuakuo mu hwan ara mpo na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfiri Yabes-gilead amma badwa no mu, nsraban no mu.


Na wɔkan ɔman no, na hwɛ, na Yabes-gileadfoɔ mu biara nni hɔ.


AWURADE bɔfoɔ kaa sɛ: Monnome Meros, dome na monnome emutefoɔ no, sɛ wɔammɛdi ammoa AWURADE, wɔammɛboa AWURADE antia dɔmmanin no.


Na ɔfaa anantwie mpamho twitwaa wɔn asinasini de hyehyɛɛ abɔfoɔ no nsa soma maa wɔkɔɔ Israel asase nyinaa so kɔkaa sɛ: Obiara a wamfiri adi ammɛdi Saulo ne Samuel akyire no, sɛ wɔbɛyɛ n’anantwie nie. Ɛnna AWURADE ho hu tɔɔ ɔman no soɔ, na wɔfiri baa sɛ onipa baako.


Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan