Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 21:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin awareɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin awareɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Israelfo aka ntam wɔ Mispa sɛ, wɔremfa wɔn mmabea mma ɔbarima biara a ofi Benyamin abusuakuw mu aware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Israelfoɔ aka ntam wɔ Mispa sɛ, wɔremfa wɔn mmammaa mma ɔbarima biara a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu awadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin aware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 21:1
19 Iomraidhean Croise  

Mma w’ano nnyɛ worɔworɔ, na w’akoma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi wɔ Nyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo deɛ, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.


na sɛ woka ntam sɛ: AWURADE teasefoɔ nokorɛ mu, atemmuo ne tenenee mu a, amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehyɛ wɔn ho.


Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no kɔtenaa nkurɔfoɔ a wɔgyaa wɔn asase no soɔ no mu.


Na ɔkaa no ntam sɛ: Adeɛ biara a wobɛbisa me no, mɛma wo, de kɔsi m’ahennie fa so.


Na adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa.


Na medi wɔn adanseɛ sɛ wɔwɔ Nyankopɔn ho mmɔdemmɔ deɛ, nanso wɔnni no nimdeɛ mu.


Ɛnna Israelfoɔ nyinaa tuiɛ, na asafo no ano bɛhyiaa sɛ onipa baako, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa AWURADE nkyɛn.


na yɛayi nnipa ɔha mu du Israel mmusuakuo nyinaa mu ne apem mu ɔha ne mpemdu mu apem, na wɔakɔfa aduane abrɛ ɔman no, na sɛ wɔba a, wɔabɛyɛ Gibea a ɛwɔ Benyamin sɛ nkwaseasɛm a wɔdii no Israel mu no nyinaa teɛ.


Na Israel mmarima no sane wɔn akyi baa Benyaminfoɔ no so, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne mmoa, ne deɛ wɔn nsa kaeɛ nyinaa; nso wɔtotoo nkuro a wɔduruu soɔ no nyinaa mu gya.


Na ɔman no nyinaa sɔre gyinaa sɛ ɔbarima baako kaa sɛ: Yɛn mu biara renkɔ ntomadan mu, na yɛn mu biara remmane ne fie.


Na yɛn deɛ, yɛrentumi mfa yɛn mma mu biara mma wɔn aware, ɛfiri sɛ Israelfoɔ akeka ntam sɛ: Nnome nka deɛ ɔde ɔbaa bi bɛma Benyamin awareɛ.


Na sɛ wɔn agyanom anaa wɔn nuanom ba yɛn nkyɛn ne yɛn bɛham a, yɛbɛse wɔn sɛ: Monhwɛ yɛn anim nnom wɔn, na yɛannya ɛyerenom amma wɔn mmaako mmaako, akodie no mu; nso ɛnyɛ mo na mode wɔn maa wɔn, na anka sɛsɛɛ deɛ, moadi so.


Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Israel mmusuakuo nyinaa mu hwan na wamma dwabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Ɛfiri sɛ wɔaka ntankɛseɛ agu deɛ wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Kum na wɔnku no.


Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama wɔn a wɔaka no ɛyerenom fam, ɛfiri sɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu biara mma wɔn awareɛ?


Na ɛdenee Israel mmarima da no; na Saulo kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidie ansa na onwunu adwoɔ, na mentɔ m’atamfoɔ so were. Enti ɔman no mu, obiara amfa aduane anka n’ano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan