Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 20:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na Benyaminfoɔ no firii adi firii Gibea, na wɔbɛkaa Israel mmarima mpemaduonu mmienu guu fam da no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na Benyaminfoɔ no firii adi firii Gibea, na wɔbɛkaa Israel mmarima mpemaduonu mmienu guu fam da no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Nanso Benyamin akofo a na wɔrebɔ kurow no ho ban no pue kunkum Israelfo no mpem aduonu abien wɔ akono hɔ da no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Nanso, Benyamin akofoɔ a na wɔrebɔ kuro no ho ban no pue kunkumm Israelfoɔ no ɔpeduonu mmienu wɔ akono hɔ ɛda no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na Benyaminfo no fii adi fii Gibea, na wɔbɛkaa Israel mmarima ɔpeduonu abien guu fam da no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 20:21
13 Iomraidhean Croise  

Benyamin yɛ pataku a ɔtete mmoa mu; ɔdi hanam anɔpa, na anwummerɛ nso ɔkyɛ asadeɛ mu.


Na afei, Yuda ne Yerusalem mma no na mose moredi wɔn nya ayɛ nkoa ne mfenaa yi? Mo deɛ, ɛnyɛ mo ara na ɛso deda mo soɔ AWURADE mo Nyankopɔn anim?


Ɔhene biara mfa ɛdɔm dodoɔ nni nkonim, ɔbrane mfa ahoɔden kɛseɛ nnye ne ho.


Wo kwan faa ɛpo mu, na wo tempɔn nsuo pii mu, na wɔanhunu w’anammɔn.


Ɔgyaa ne man maa nkrantɛ, na ne bo fuu n’agyapadeɛ.


O AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wodi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie na nkɔnkɔnsafoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn?


Israel, wofiri Gibea nna no so ayɛ bɔne; ɛhɔ na wɔtoaa soɔ; Gibea sa a wɔtuu no mmabusufoɔ no soɔ no anto wɔn.


Sɛ wofiri kɔkyere w’atamfo so nsraban a, hwɛ wo ho yie adebɔne nyinaa ho.


Na Israel mmarima no tu kɔɔ sɛ wɔne Benyamin rekɔko, na Israel mmarima no twitwaa wɔn so mpasua wɔ Gibea.


Na Israel mmarima dɔm no miaa wɔn ani, na wɔtwitwaa wɔn mpasua bio deɛ wɔtwitwaa no da a ɛdi kan hɔ no ara.


Na Benyamin firii adi firii Gibea da a ɛtɔ so mmienu no, na wɔkaa Israelfoɔ no mu mmarima mpem dunwɔtwe guu fam bio, yeinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrantɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan