Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 20:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛnna Israelfoɔ nyinaa tuiɛ, na asafo no ano bɛhyiaa sɛ onipa baako, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa AWURADE nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɛnna Israelfoɔ nyinaa tuiɛ, na asafo no ano bɛhyiaa sɛ onipa baako, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa AWURADE nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Israelfo nyinaa; fi Dan kosi Beer-Seba ne Gilead asase so behyiaa wɔ Awurade anim sɛ nnipa baako wɔ Mispa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Israelfoɔ nyinaa; ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba ne Gilead asase so bɛhyiaa Awurade anim sɛ nnipa baako wɔ Mispa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Israelfo nyinaa tui, na asafo no ano behyiae sɛ onipa biako, efi Dan kosi Beer-seba, ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa, AWURADE nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 20:1
35 Iomraidhean Croise  

Ɔtwee Yuda mmarima nyinaa bae sɛ onipa baako, na wɔsoma maa wɔbaa ɔhene nkyɛn sɛ: Wo ne wo nkurɔfoɔ nyinaa, monsane mmra.


na ɔde no yɛɛ Gilead ne Asurfoɔ ne Yesreel ne Efraim ne Benyamin ne Israel nyinaa so hene.


Na ɔhene ka kyerɛɛ Ɔsahene Yoab a ɔka ne ho no sɛ: Kɔkyini Israel mmusuakuo nyinaa mu firi Dan kɔsi Beer-seba, na monkan ɔman no, na menhunu ɔman no dodoɔ.


sɛ wɔbɛma ahennie no afiri Saulo fie, na wɔde Dawid ahennwa asi Israel ne Yuda so, afiri Dan akɔsi Beer-seba.


Na hwɛ, mese merebɛsi ɛdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no bɛsi w’ananmu atena w’adwa soɔ no, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.


Na dɔm no asafohene nyinaa, wɔn ne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Gedalia asi ɔhwɛfoɔ no, wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, Netania ba Ismael ne Karea ba Yohanan ne Netofani Tanhumet ba Seraia ne Maakatni bi ba Yaasania, wɔn ne wɔn mmarima.


Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene sɛ: Monkɔ nkɔkan Israel mfiri Beer-seba nkɔduru Dan, na momfa ho kasɛe mmerɛ me, na menhunu wɔn dodoɔ.


Na wɔhyɛɛ asɛm no so mmom sɛ wɔmpae no Israel nyinaa mu mfiri Beer-seba nkɔsi Dan, sɛ wɔmmra mmɛdi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn wɔ Yerusalem, ɛfiri sɛ na wɔmmɔɔ mu nnii no sɛdeɛ wɔatwerɛ no no.


Na bosome a ɛtɔ so nson duruiɛ no, na Israelfoɔ no tete nkuro no mu, na ɔman no boaboaa wɔn ano yɛɛ sɛ nipa baako baa Yerusalem.


ne Hasar-sual ne Beer-seba ne ɛho nkurowa mu,


Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nwoma mmra.


Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no kɔtenaa nkurɔfoɔ a wɔgyaa wɔn asase no soɔ no mu.


Na Ruben mma ne Gad mma no wɔ mmoa pii a wɔdɔɔso pa ara, na wɔhunuu Yaser ne Gilead asase, na hwɛ, na ɛhɔ yɛ baabi a ɛyɛ ma mmoa.


Na Mose de Gilead maa Manase ba Makir, na ɔtenaa mu.


ne Dilean ne Mispe ne Yokteel,


Na ntonto no yii Manase abusuakuo deɛ, ɛfiri sɛ ɔno ne Yosef abakan. Manase abakan Makir a ɔyɛ Gilead agya no nyaa Gilead ne Basan, ɛfiri sɛ ɔyɛ dɔmmarima.


ne Mispe ne Kefira ne Mosa,


Na Israelfoɔ no teeɛ no, wɔboaboaa Israelfoɔ asafo no nyinaa ano, Silo, sɛ wɔretu wɔn so sa.


Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no firii Israelfoɔ no nkyɛn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ sane wɔn akyiri sɛ wɔrekɔ Gilead asase so, wɔn sodie asase a wɔnam AWURADE ahyɛdeɛ a ɛnam Mose soɔ no so de maa wɔn no.


nnipa bɛyɛ mpemaduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na ɛtwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko mpaperɛ soɔ.


Na Amonfoɔ no hyia ba bɛkyeree nsraban Gilead. Na Israelfoɔ no nso boaboaa wɔn ano kɔkyeree nsraban Mispa.


Ɛnna Yefta ne Gilead mpanimfoɔ no sii mu baeɛ, na ɔman no de no sii wɔn ti ne ɔsafohene. Na Yefta kɔkaa ne nsɛm nyinaa AWURADE anim wɔ Mispa.


Ɛnna Yefta baa ne fie Mispa. Na hwɛ, ne babaa de mpintin ne asa firii adi bɛhyiaa no, nso na ɔdi no bakorɔ, ɔnni ɔbabarima anaa ɔbabaa gye ɔno.


na wɔtoo kuro no din Dan, sɛdeɛ wɔn agya Dan a wɔwoo no maa Israel no din teɛ; nanso anka akane no na kuro no din de Lais.


Na Israel mmarima no nyinaa kɔhyia tiaa kuro no; na wɔapam ayɛ sɛ ɔbarima baako.


Na Israelfoɔ sɔree, na wɔsii mu kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn; na wɔse: Yɛn mu hwan na ɔnkɔ kane ne Benyaminfoɔ no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kane.


Na ɔman no nyinaa, Israel mmusuakuo nyinaa mu mpanimfoɔ no, bɛgyinaa Nyankopɔn man dwabɔ no mu, wɔyɛ mmarima mpemahanan a wɔnam anammɔn mu a wɔtwe nkrantɛ.


Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ Betel, na wɔsui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kɔsii anwummerɛ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim.


Na ɔman no nyinaa sɔre gyinaa sɛ ɔbarima baako kaa sɛ: Yɛn mu biara renkɔ ntomadan mu, na yɛn mu biara remmane ne fie.


Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Israel mmusuakuo nyinaa mu hwan na wamma dwabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Ɛfiri sɛ wɔaka ntankɛseɛ agu deɛ wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Kum na wɔnku no.


Na Samuel hyiaa ɔman no baa AWURADE nkyɛn Mispa.


Na Israel nyinaa, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba hunuu sɛ wɔde Samuel asi hɔ sɛ ɔnyɛ AWURADE diyifoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan