Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 2:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Bokim, na wɔbɔɔ AWURADE afɔdeɛ wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Bokim, na wɔbɔɔ AWURADE afɔdeɛ wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Enti wɔtoo beae hɔ din “Agyaadwotwa.” Na wɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ maa Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Enti wɔtoo beaeɛ hɔ edin “Agyaadwotwa”. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ maa Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Bokim, na wɔbɔɔ AWURADE afɔre wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 2:5
8 Iomraidhean Croise  

Na Rebeka abaawa panin Debora wui, na wɔsiee no Betel aseɛ fam wɔ odum bi ase, na ɔtoo dua no din Alon-bakut.


Na wɔhɔree ne so abosie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi. Na AWURADE dane firii n’abufuhyeɛ no ho. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ sɛ Akor bonhwa de bɛsi nnɛ yi.


Na Manoa faa abirekyie ba ne aduane afɔdeɛ na ɔde bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ɔbotan no so maa AWURADE. Na ɔbɔfoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ, na Manoa ne ne yere hwɛe.


Na AWURADE bɔfoɔ firi Gilgal baa Bokim bɛkaa sɛ: Meyii mo firii Misraim na mede mo baa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mese: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da.


Na AWURADE bɔfoɔ no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa no, ɔman no maa wɔn nne so sui.


Na Yosua gyaa ɔman no kwan maa Israelfoɔ nyinaa kɔɔ wɔn agyapadeɛ so kɔdii asase no so.


Ɛnna Gideon sii afɔrebukyia hɔ maa AWURADE, na ɔfrɛɛ no: Yahwe-salom. Ɛda so wɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfoɔ deɛ no de bɛsi nnɛ.


Na Samuel faa odwanten ba a ɔnum de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu maa AWURADE; na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan