Atemmufo 2:18 - New Revised Asante Twi Bible18 Na sɛ AWURADE ma atemmufoɔ so ma wɔn a, ɛnneɛ AWURADE di ɔtemmufoɔ no akyi na ɔgye wɔn firi wɔn atamfoɔ no nsam, ɔtemmufoɔ no nna nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn ahafoɔ ne wɔn taafoɔ anim apinisie no nti, AWURADE yam hyehyee no. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron18 Na sɛ AWURADE ma atemmufoɔ so ma wɔn a, ɛnneɛ AWURADE di ɔtemmufoɔ no akyi na ɔgye wɔn firi wɔn atamfoɔ no nsam, ɔtemmufoɔ no nna nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn ahafoɔ ne wɔn taafoɔ anim apinisie no nti, AWURADE yam hyehyee no. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm18 Bere biara a Awurade de otemmufo bi bedua Israel so no, na ɔka saa otemmufo no ho na ogye nnipa no fi wɔn atamfo no nsam wɔ saa otemmufo no nkwa nna nyinaa mu. Efisɛ Awurade huu ne nkurɔfo a wɔredi wɔn nya na wɔrehu amane no mmɔbɔ. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm18 Ɛberɛ biara a Awurade de ɔtemmufoɔ bi bɛdua Israel so no, na ɔka saa ɔtemmufoɔ no ho na ɔgye nnipa no firi wɔn atamfoɔ no nsam wɔ saa ɔtemmufoɔ no nkwa nna nyinaa mu. Ɛfiri sɛ, Awurade hunuu ne nkurɔfoɔ a wɔredi wɔn nya na wɔrehunu amane no mmɔbɔ. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON18 Na sɛ Awurade ma akannifo so ma wɔn a, ɛnne Awurade di ɔkannifo no akyi na ogye wɔn fi wɔn atamfo no nsam, ɔkannifo no nna nyinaa, efisɛ wɔn ahawfo ne wɔn ataafo anim apinisi no nti, AWURADE yam hyehyee no. Faic an caibideil |