Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 2:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa na wɔfom wɔn fae, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfoɔ anim bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa na wɔfom wɔn fae, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfoɔ anim bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Eyi maa Awurade bo fuw Israel, enti ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa, maa wowiaa wɔn ahode. Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia, na wɔantumi annyina wɔn ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Yei maa Awurade bo fuu Israel, enti ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa, ma wɔwiaa wɔn ahodeɛ. Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia, na wɔantumi annyina wɔn ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na AWURADE bo fuw Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa na wɔfow wɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 2:14
35 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE bo huru tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid hyɛɛ wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda.


ɛberɛ a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛma woahome afiri w’atamfo nyinaa nsam. Na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ AWURADE na ɔbɛkyekyere efie ama woɔ.


Na AWURADE bo fu tiaa Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ Siriahene Hasael nsa ne Hasael ba Ben-hadad nsa wɔn nna nyinaa.


Enti na AWURADE poo Israel asefoɔ nyinaa, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim guiɛ.


Na ɛberɛ no mu no na asomdwoeɛ nni hɔ mma deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu, na sakasaka bebree baa nsase no sotefoɔ nyinaa so.


Ɛnna AWURADE ne Nyankopɔn de no hyɛɛ Siriahene nsa, na wɔkaa no gui, na wɔfaa ne nnipa mu pii nnommum, na wɔde wɔn kɔɔ Damasko. Nanso ɔde no hyɛɛ Israel hene nsa, na ɔde okumkɛseɛ kaa no gui.


Nanso wɔdii Nyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛw, na wɔbuu ne nsɛm no animtia, na wɔsereseree n’adiyifoɔ no de kɔsii sɛ AWURADE abufuhyeɛ no sɔre tiaa ne man no a wɔannya ano aduro.


Ɛnna wode wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafoɔ nsa, na wɔhiahiaa wɔn ho. Na wɔn ahohiahia berɛ mu no, wɔsu frɛɛ wo, na wo deɛ, wofiri soro tiee wɔn, na sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu kɛseɛ teɛ no, wode agyefoɔ maa wɔn, na wɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahiafoɔ no nsam.


Wode yɛn maa sɛ nnwan a wɔdie, na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu.


Woantɔn wo nkurɔfoɔ annye hwee, woamfa wɔn annye aboɔden.


Hwan na ɔde Yakob maa adwotwa, na ɔde Israel maa afomfafoɔ? Ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne no, na wɔampɛ sɛ wɔnante n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no?


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma a mede megyaee no no wɔ? Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔagyae mo na.


Na sɛ mokum Kaldeafoɔ a wɔne mo reko no dɔm nyinaa ma no ka wɔn mu apirafoɔ mpo a, wɔbɛsɔresɔre wɔn ntomadan mu mmaako mmaako de ogya abɛhye kuro yi.


Na mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfoɔ anim nkoguo na wɔn a wɔkyiri mo ahyɛ mo so, na obi mpamo mo po a, moadwane.


ɛnneɛ mede abufuhyeɛ ne mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mprɛnson.


na wɔakyere abom ahwe ase sɛdeɛ wɔredwane nkrantɛ anim, berɛ a obi mpamo wɔn. Na morennya mo atamfoɔ anim agyinayɛ.


Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔmaa wɔkyinkyinii ɛserɛ so mfirinhyia aduanan kɔsii sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a wɔyɛɛ AWURADE anim bɔne no nyinaa wiee sa.


Na hwɛ, moasɔre asi mo nananom ananmu, mmarima nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ, sɛ mode AWURADE abufuhyeɛ no bi reka ho de aba Israel so ara.


AWURADE bɛma nnome, benabɔ ne adapaabɔ aba wo so deɛ wode wo nsa bɛka ayɛ nyinaa mu de akɔsi sɛ wo bra bɔne nti wɔbɛdwɛre woɔ, na woasɛe ntɛm, ɛfiri sɛ woagya me.


AWURADE bɛma woadi nkoguo wɔ w’atamfo anim: Wonam ɔkwan koro so bɛfiri akɔhyia wɔn, na wonam akwan nson so adwane wɔn anim, na wɔbɛto wo apete asase so ahennie nyinaa mu.


Sɛ worenhwɛ nyɛ mmara yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa na worensuro din a ɛwɔ animuonyam na ɛho yɛ hu yi a ɛne AWURADE wo Nyankopɔn no a,


Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn na AWURADE ayi wɔn ama a, anka ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaakofoɔ bɛtaa apem, na baanu ama mpemdu adwane?


Sɛ mofom AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔhyɛɛ mo no, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a, ɛnneɛ AWURADE abufuo bɛdɛre atia mo, na moasɛe ntɛm afiri asase pa a ɔde ama mo no so.


Na AWURADE dii Yuda akyi na ɔdii bepɔ no so; na mmɔnsefoɔ no deɛ, wɔannya wɔn atuyɛ, ɛfiri sɛ na wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam.


Na Amorifoɔ no kaa Danfoɔ no kɔɔ bepɔ no so, na wɔamma wɔansiane ansi mmɔnseɛ.


Na AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Amonfoɔ nsa.


Na AWURADE abufuo dɔre tiaa Israel, na ɔkaa sɛ: Sɛdeɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wɔntie me nne yi,


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; na AWURADE hyɛɛ Moabhene Eglon den tiaa Israel, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na AWURADE tɔnee wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a ɔdi hene wɔ Hasor no nsa. Na ne safohempanin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan