Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 2:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na wɔsiee awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa nso kaa wɔn agyanom ho, na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi sɔree, nnipa a wɔnnim AWURADE nneyɛɛ a ɔyɛ maa Israel no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na wɔsiee awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa nso kaa wɔn agyanom ho, na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi sɔree, nnipa a wɔnnim AWURADE nneyɛɛ a ɔyɛ maa Israel no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Saa awo ntoatoaso no akyi no, awo ntoatoaso foforo nyin a na wonnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛse a wayɛ ama Israel no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Saa awoɔ ntoatoasoɔ no akyi no, awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ nyiniiɛ a na wɔnnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛseɛ a wayɛ ama Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na awo ntoatoaso no nyinaa nso tiw wɔn agyanom wɔ asamando, na awo ntoatoaso foforo dii wɔn akyi bae, nnipa a wonnim AWURADE, na wonnim nea Awurade yɛ maa Israel no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 2:10
26 Iomraidhean Croise  

Na wo deɛ, wobɛkɔ wo nananom nkyɛn asomdwoeɛ mu, na wɔasie wo nkɔkoraaberɛ pa mu.


(Na Ismael nkwa mu mfeɛ a ɔdiiɛ nie: Mfirinhyia ɔha aduasa nson. Na ɔgyaa ne honhom mu, na ɔwui, na ɔtii n’agyanom wɔ asamando.)


Na Abraham gyaa ne honhom mu, na ɔwuu ɛdwono pa mu, wabɔ akɔkoraa, na ɔnyaa mfeɛ pii. Na ɔtii n’agyanom wɔ asamando.


Na Yakob hyɛɛ ne mma nsamanseɛ wieeɛ no, ɔboaa ne nan ano guu mpa no so, na ɔguu n’ahome a ɛdi akyire, na ɔtii ne nananom wɔ asamando.


Sɛ wo nna wie duru na woti w’agyanom wɔ asamando a, mɛma w’aseni a ɔfiri wo yam so w’akyi, na mama n’ahennie atim.


Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


Nanso wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Firi yɛn so, na yɛnhwehwɛ w’akwan ho nimdeɛ.


Na Yosef ne ne nuanom nyinaa ne wɔn berɛ sofoɔ no nyinaa wuwui.


Na ɔhene foforɔ bi sɔree Misraim a na ɔnnim Yosef.


Na Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.


Na wɔwɔ sankuten ne bɛnta, ne mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsa wɔ wɔn apontoɔ aseɛ, na AWURADE nneyɛɛ deɛ, wɔnhunu, na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.


Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa no, enti nso na ɛsii no yie. Ɛnyɛ yei ne me ho nimdeɛ? AWURADE asɛm nie.


Na obiara renkyere ne yɔnko na obiara nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hunu AWURADE, na wɔn nyinaa bɛhu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ so, AWURADE asɛm nie; na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.


Sɛ merenya akwantemfoɔ asoɛeɛ wɔ anwea pradada so ɛ! Anka mɛgya me man hɔ, na mafiri wɔn nkyɛn makɔ! ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, nkɔnkɔnsafoɔ asafo.


Na wɔkuntunu wɔn tɛkyerɛma de yɛ wɔn tadua atorɔ na ɛnyɛ nokorɛ na atim wɔ asase no so, na wɔfiri bɔne mu kɔ bɔne mu, na me deɛ, wɔnnim me, AWURADE asɛm nie.


Na wɔn nyinaa twitwa wɔn mfɛfoɔ nkontompo, na nokorɛ deɛ, wɔnka. Wɔma atorosɛm ka kokwa wɔn tɛkyerɛma so, wɔdi abɔnefosɛm, na wɔnnu wɔn ho.


na sɛ wonya hunu a, wo nso woati wo nananom, sɛdeɛ Aaron tii n’agyanom no,


Na akyire yi no, ɔbaa no nso wui.


Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, worebɛti wo nananom wɔ asamando na ɔman yi bɛsɔre akɔdi asase a wɔrekɔ soɔ no anyame akyi adwamammɔ mu, na wɔagya me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pameeɛ no.


na watɔ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn, na wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no so were.


Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma po no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfoɔ ne asoɔdenfoɔ, na wɔmfra mma adwuma pa biara.


Na Israel som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanimfoɔ a wɔnyini kyɛree Yosua akyiri nyinaa na wɔhunuu AWURADE nnwuma a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.


Na Eli mma no yɛ mma ahuhufoɔ; wɔmmu AWURADE.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan