Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 19:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na wɔtenatenaa ase, na wɔn baanu no nyinaa didii na wɔnomee. Na ababaa no agya no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: Pene ɛ, na da anadwo yi, na gye w’ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na wɔtenatenaa ase, na wɔn baanu no nyinaa didii na wɔnomee. Na ababaa no agya no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: Pene ɛ, na da anadwo yi, na gye w’ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Enti wɔn baanu no tenaa ase didi, nomee. Afei, ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Enti, wɔn baanu no tenaa ase didiiɛ, nomeeɛ. Afei, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na wɔtenatenaa ase, na wɔn baanu no nyinaa didii na wɔnomee. Na ababaa no agya no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: Pene ɛ, na da anadwo yi, na gye w’ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 19:6
15 Iomraidhean Croise  

Nso na Absalom ahyɛ ne mmeranteɛ sɛ: Monhwɛ, na sɛ Amnon boro nsa tam na mese mo sɛ: Mommɔ Amnon a, monku no. Monnsuro, ɛnyɛ me na mahyɛ mo? Monyɛ den, na monyɛ mo ho mmarima.


Ɛnna ne yere Isebel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wodi Israel soɔ? Sɔre didi, na ma wo bo ntɔ wo yam, na mede Yesreelni Nabot bobeturo no bɛma wo.


Da a ɛtɔ so nson a nsa ama ɔhene ani agyeɛ no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas, mpiafoɔ baason no a wɔsom Ɔhene Akas-weros anim no,


Na nsa ama ɔdasani akoma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim dɛhyɛdɛhyɛ, na aduane awowa ɔdasani akoma.


na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nnoɔma pa pii a wɔde asie ama mfirinhyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam!


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


Na wɔn a wɔtete asase soɔ ani bɛgye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yamu, na wɔamanemane wɔn ho adeɛ, ɛfiri sɛ adiyifoɔ baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase soɔ.


Na ɛdɔn no ara mu asase wosoo kɛse, na kuro no nkyekyɛmu du mu baako hwee ase, na asasewosoɔ no kumm nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkaeɛ no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn animuonyam.


Na berɛ a na wɔn ani agyeɛ no, wɔkaa sɛ: Momfrɛ Samson na ɔmmɛgoro nkyerɛ yɛn. Na wɔkɔfrɛɛ Samson firii apokyerɛfoɔ fie bae, na ɔgoroo wɔn anim, na wɔde no gyinaa adum no ntam.


Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔresim no, n’ase no worɔɔ no, na ɔtenaa ase daa hɔ.


Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔrekɔ, ɔno ne ne mpena ne n’abɔfra no. Na n’ase, ababaa no agya no, ka kyerɛɛ no sɛ: Enwunu redwo na adeɛ reyɛ asa, monna ɛ, hwɛ, adesaeɛ abɛn, da ha na gye w’ani, na ɔkyena moatua nhema atu mo kwan akɔ wo fie.


Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek.


Na Boas didi nomeeɛ na ne bo tɔɔ ne yam no, ɔkɔ kɔdaa atokokuo no ano hɔ. Na ɔbaa komm bɛyii n’anafoɔ ntoma na ɔdaa hɔ.


Na Abigail kɔɔ Nabal nkyɛn, na hwɛ, wato ne ho pono ne fie hɔ sɛ ɔhene pono na Nabal ani agye ne ho, na waboro titaa. Na wanka no hwee kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan