Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 19:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na da a ɛtɔ so nnan no, ɔsɔree anɔpatutu, na ɔsiesiee ne ho sɛ anka ɔresim; na ababaa no agya no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma bi dwodwo w’akoma, na ɛno akyiri no, moasi kwan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na da a ɛtɔ so nnan no, ɔsɔree anɔpatutu, na ɔsiesiee ne ho sɛ anka ɔresim; na ababaa no agya no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma bi dwodwo w’akoma, na ɛno akyiri no, moasi kwan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ne nnannan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se, “Didi ansa na woakɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ne nna ɛnan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Didi ansa na woakɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na ne nnaana so no, wɔsɔree anɔpatutu, na osiesiee ne ho sɛ anka ɔresim; na ababaa no agya no ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: Fa abodoo afono ma bi dwudwo wo koma, na ɛno akyi no, moasi kwan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 19:5
9 Iomraidhean Croise  

Moanya abɛfa mo akoa nkyɛn yi, merekɔ makɔfa paanoo kakra maba, na mode adwodwo mo akoma, na ɛno akyiri no moakɔ. Na wɔse: Yɛ sɛdeɛ woaka yi.


Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: Wo ne me nkɔ fie, na kɔdwodwo wo ho, na mɛkyɛ wo adeɛ.


Na nsa ama ɔdasani akoma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim dɛhyɛdɛhyɛ, na aduane awowa ɔdasani akoma.


Yesu see wɔn sɛ: M’aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n’adwuma.


Na ɔdidiiɛ no, ne ho yɛɛ no den. Na ɔdii asuafoɔ a wɔwɔ Damasko no nkyɛn nna kakra.


Na n’ase, ababaa no agya no, worɔɔ no, na ɔtenaa ne nkyɛn nnansa. Na wɔdidii, nomee na wɔtenaa hɔ.


Na ɛda a ɛtɔ so nnum no, ɔsɔree anɔpatutu sɛ ɔrekɔ. Na ababaa no agya no kaa sɛ: Dwodwo w’akoma, na montwɛn nkɔsi sɛ owia bɛdane ne ho; na wɔn baanu no didii.


na wɔmaa no borɔdɔma ɛtoa sini ne bobe aba ntoa ntoa mmienu; na ɔdiiɛ no, n’ani so baee no, ɛfiri sɛ nnansa awia ne anadwo na ɔnnidiiɛ na ɔnnomee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan