Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 19:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Wɔn deɛ, wɔrema wɔn bo atɔ wɔn yam no, hwɛ, kurom hɔfoɔ mma busufoɔ bi bɛtwaa efie no ho hyiae, na wɔpempem ɛpono no, na wɔka kyerɛɛ efiewura akɔkoraa no sɛ: Fa ɔbarima a ɔbɛsoɛɛ wo fie no firi adi bra na yɛne no nna.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Wɔn deɛ, wɔrema wɔn bo atɔ wɔn yam no, hwɛ, kurom hɔfoɔ mma busufoɔ bi bɛtwaa efie no ho hyiae, na wɔpempem ɛpono no, na wɔka kyerɛɛ efiewura akɔkoraa no sɛ: Fa ɔbarima a ɔbɛsoɛɛ wo fie no firi adi bra na yɛne no nna.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Bere a wɔregye wɔn ani no, kurow no mu nnipa bɔnefo bi betwaa ofi no ho hyiae. Wofii ase pempem ɔpon no teɛteɛɛ mu guu akwakoraa no so se, “Fa ɔbarima a wabɛsoɛ wo no ma yɛn sɛnea yebetumi ne no ada.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ɛberɛ a wɔregye wɔn ani no, kuro no mu nnipa bɔnefoɔ bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ. Wɔhyɛɛ aseɛ pempem ɛpono no teateaam guu akɔkoraa no so sɛ, “Fa ɔbarima a wabɛsoɛ wo no ma yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi ne no ada.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na wɔregye wɔn ahome no, hwɛ, kurom hɔfo mmabusufo bi betwaa ofi no ho hyiae, na wɔpempem ɔpon no, na wɔka kyerɛɛ ofiwura akwakoraa no sɛ: Fa ɔbarima a ɔbɛsoɛɛ wo fi no fi adi bra na yene no nna.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 19:22
19 Iomraidhean Croise  

Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufoɔ nnyina n’anim, na wɔnni adanseɛ ntia no sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfiri nkɔsi no aboɔ mma no nwu.


Na wo nuabaa panin ne Samaria, ɔno ne ne mmammaa a wɔte wo benkum soɔ no, na wo nuabaa kumaa a ɔte wo nifa soɔ ne Sodom ne ne mmammaa.


Israel, wofiri Gibea nna no so ayɛ bɔne; ɛhɔ na wɔtoaa soɔ; Gibea sa a wɔtuu no mmabusufoɔ no soɔ no anto wɔn.


Wɔama ɔsɛeɛ a wɔasɛe no mu adɔ sɛ Gibea nna no mu, ɔbɛkae wɔn amumuyɛ, ɔbɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne ho.


Anaasɛ monnim sɛ wɔn a wɔntene no rennya Nyankopɔn ahennie no? Mommma wɔnnnaadaa mo: Adwamammɔfoɔ, abosonsomfoɔ, awaresɛefoɔ, mmarima ahohwifoɔ, mmarima a wɔne mmarima da,


Na koroyɛ bɛn na ɛwɔ Kristo ne Belial ntam? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne deɛ ɔnnye nnie wɔ?


Mmarima mmabusufoɔ bi asɔre wo mu adaadaa wɔn nkurɔfoɔ sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforɔ a monnim wɔn a,


Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.


Na berɛ a na wɔn ani agyeɛ no, wɔkaa sɛ: Momfrɛ Samson na ɔmmɛgoro nkyerɛ yɛn. Na wɔkɔfrɛɛ Samson firii apokyerɛfoɔ fie bae, na ɔgoroo wɔn anim, na wɔde no gyinaa adum no ntam.


Na Gibeafoɔ no sɔre tiaa me, na me nti wɔtwaa efie no ho hyiaa anadwo, anka me na wɔrepɛ me aku me, na me mpena no, wɔbrɛɛ no ase ara ma no wui.


Na mesɔɔ me mpena no mu twitwaa no asinasini, na memaa wɔde kɔɔ Israel agyapadeɛ asase nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔayɛ abusudeɛ ne nkwaseadeɛ Israel mu.


mfa w’abaawa nto ɔbaa huhuni bi ho, ɛfiri sɛ m’awerɛhoɔ ne m’ayamgya dodoɔ mu na makasa abɛsi sɛsɛɛ yi.


Na nnipa hunu bi kaa sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wɔbuu no animtia, na wɔamfa ayɛyɛdeɛ ammrɛ no. Na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔnteɛ.


Na Eli mma no yɛ mma ahuhufoɔ; wɔmmu AWURADE.


Mesrɛ wo, mma me wura mmfa n’akoma nnto onipa huhuni Nabal yi so, na sɛ ne din teɛ no, sɛ ɔteɛ ara ne no, Nabal ne ne din, agyegyentwisɛm wɔ ne mu; na me, w’afenaa deɛ, manhunu me wura mmeranteɛ a wosomaa wɔn no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan