Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 19:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛfiri Betlehem Yuda retwam akɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi; ɛhɔ na mefire na mekɔɔ Betlehem Yuda. Na AWURADE fie na merekorɔ yi, nso obiara mmɛfa me nkɔsoɛ ne fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛfiri Betlehem Yuda retwam akɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi; ɛhɔ na mefire na mekɔɔ Betlehem Yuda. Na AWURADE fie na merekorɔ yi, nso obiara mmɛfa me nkɔsoɛ ne fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Ɔbarima no buaa no se, “Yefi Betlehem a ɛwɔ Yuda na yɛrekɔ Efraim bepɔw asase no so; kurow bi a ɛwɔ akyirikyiri, na yɛrekɔ Awurade Hyiadan. Nanso obiara amfa yɛn ankɔ ne fi ankɔma yɛn nnabea,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɔbarima no buaa no sɛ, “Yɛfiri Betlehem a ɛwɔ Yudea na yɛrekɔ Efraim bepɔ asase no so kuro bi a ɛwɔ akyirikyiri, na yɛrekɔ Awurade Asɔrefie. Nanso obiara amfa yɛn ankɔ ne fie ankɔpɛ yɛn daberɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yefi Betlehem Yuda retwam akɔ Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi; ɛhɔ na mifi na mekɔɔ Betlehem Yuda. Na AWURADE fi na merekɔ yi, nso obiara mmɛfa me nkɔsoɛ ne fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 19:18
12 Iomraidhean Croise  

Nhwim me kra nka nnebɔneyɛfoɔ ho, anaasɛ me nkwa nka mogyapɛfoɔ ho nkɔ.


Mma wo nan nnyɛ wo yɔnko fie ntiantia, na wo ho anyɛ no mfone na wantane wo.


Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye.


Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na aberanteɛ bi wɔ hɔ a ɔfiri Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ.


Na wɔde Mika honi a wɔasene a ɔyɛeɛ no sii hɔ fae nna a Nyankopɔn fie no wɔ Silo no nyinaa.


Na ɔmaa n’ani so, na ɔhunuu ɔbarima kwantenni no, kuro no abɔntene so, na akɔkoraa no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na worekorɔ, na ɛhe nso na wofire?


Nanso ɛserɛ ne aduane wɔ hɔ ma yɛn mfunumu no, na paanoo ne nsa wɔ hɔ ma me ne w’afenaa ne abɔfra a ɔka wo nkoa ho no nso, biribiara nhia yɛn.


Na da a ɛtɔ so nnan no, ɔsɔree anɔpatutu, na ɔsiesiee ne ho sɛ anka ɔresim; na ababaa no agya no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma bi dwodwo w’akoma, na ɛno akyiri no, moasi kwan so.


Na Israelfoɔ sɔree, na wɔsii mu kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn; na wɔse: Yɛn mu hwan na ɔnkɔ kane ne Benyaminfoɔ no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kane.


Daa afe ɔbarima yi firi ne kurom kɔ sɛ ɔrekɔsɔre na wabɔ afɔdeɛ ama asafo AWURADE wɔ Silo. Na ɛhɔ na Eli mma baanu Hofni ne Pinehas di AWURADE asɔfoɔ.


Na saa na na ɔyɛ afe biara. Daa sɛ wɔforo kɔ AWURADE fie a, ɔyi no ahi saa; na ɔsu na ɔnnidi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan