Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 18:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na mmarima baanum no sii mu kɔduruu Lais; na wɔhunuu ɔman a ɛwɔ hɔ no sɛ wɔte hɔ dwoodwoo, sɛdeɛ Sidonfoɔ amanneɛ teɛ, wɔte hɔ komm ne dwoodwoo, na obi nni hɔ a ɔka wɔn biribiara mu na ɔdi tumi asase no soɔ, na wɔne Sidonfoɔ no ntam ware, na wɔne obi nni asɛm biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na mmarima baanum no sii mu kɔduruu Lais; na wɔhunuu ɔman a ɛwɔ hɔ no sɛ wɔte hɔ dwoodwoo, sɛdeɛ Sidonfoɔ amanneɛ teɛ, wɔte hɔ komm ne dwoodwoo, na obi nni hɔ a ɔka wɔn biribiara mu na ɔdi tumi asase no soɔ, na wɔne Sidonfoɔ no ntam ware, na wɔne obi nni asɛm biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na mmarima baanum no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wohuu sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho te sɛ Sidonfo na wɔte hɔ. Na wɔwɔ asomdwoe ne bammɔ. Na nnipa no wɔ sika, efisɛ na wɔn asase no yɛ asase bere. Na wɔne Sidon ntam twe yiye, na wɔne obiara nni twaka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na mmarima baanum no kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wɔhunuu sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho te sɛ Sidonfoɔ na ɛte hɔ. Na wɔwɔ asomdwoeɛ ne banbɔ. Na nnipa no wɔ sika, ɛfiri sɛ, na wɔn asase no yɛ asase bereɛ. Na wɔne Sidon ntam twe yie, na wɔnni adɔmfoɔ a wɔbɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na mmarima baanum no siim koduu Lais; na wohuu ɔman a ɛwɔ hɔ no sɛ wɔte hɔ dwoodwoo sɛ Sidonfo, wɔte hɔ komm ne dwoodwoo, na obi nni hɔ a ɔka wɔn biribiara mu na odi tumi asase no so, na wɔne Sidonfo ntam ware, na wɔne obi nni asɛm bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 18:7
13 Iomraidhean Croise  

Nanso n’agya anka asɛm a ɛyɛ ya biara ankyerɛ no da sɛ: Adɛn na woayɛ saa yi? Na ɔno nso yɛ onipa a ne ho yɛ fɛ, na ɔno na wɔwoo no dii Absalom akyire.


Na ɛyɛɛ hare maa no sɛ ɔbɛnante Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfoɔ hene Etbaal babaa Isebel waree, na ɔkɔ kɔsomm Baal na ɔsɔree no.


Na wɔhunuu adidibea frɔmfrɔm a ɛyɛ, na asase no mu trɛ tɛtrɛɛ, na ɛso dwo komm; na wɔn a wɔtete hɔ kane no firi Ham.


Monsɔre ntu ɔman a wɔn ho dwoɔ a wɔte hɔ dwoodwoo no so sa, AWURADE asɛm nie. Wɔnni apono ne akyire adaban, wɔn nko ara na wɔte hɔ.


Na wɔn a wɔdi mpanin no ho nyɛ hu mma wɔn a wɔyɛ nnwuma pa, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne. Wompɛ sɛ wosuro tumi no anaa? Ɛnneɛ yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyie!


Na Danfoɔ firii hɔ kɔnyaa ɛhyeɛ foforɔ bi, ɛfiri sɛ Danfoɔ no foro kɔe ne Lesem kɔkoe, na wɔfae, na wɔde nkrantɛ ano sɛee no, na wɔdii so, na wɔtenaa hɔ, na wɔfrɛɛ Lesem sɛ Dan, sɛdeɛ wɔn agya Dan din teɛ.


amradofoɔ a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfoɔ asotwe ne papayɛfoɔ ayeyie ho oo.


Dodoɔ a ɔhyɛɛ ne ho animuonyam na ɔdii taamu no, momma n’ayayadeɛ ne n’awerɛhoɔ nnɔɔso saa. Ɛfiri sɛ ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Mete hɔ sɛ ɔhemmaa, na menyɛ okunafoɔ, na merenni awerɛhoɔ da.


na wɔtoo kuro no din Dan, sɛdeɛ wɔn agya Dan a wɔwoo no maa Israel no din teɛ; nanso anka akane no na kuro no din de Lais.


Na ɔsɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoeɛ nkɔ. AWURADE anim na mo kwan a monam mu no da.


Na wɔbaa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Sora ne Estaol; na wɔn nuanom no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Amanneɛ?


Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fie atɛn akɔsi daa, amumuyɛ no nti, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne mma retwetwe mmusuo, na wanka wɔn anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan