Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 17:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Nso na ɔbarima Mika no wɔ nyamefie, na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu baako sɔfoɔ, na ɔbɛyɛɛ ne sɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Nso na ɔbarima Mika no wɔ nyamefie, na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu baako sɔfoɔ, na ɔbɛyɛɛ ne sɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mika yɛɛ nsɔre so na ɔyɛɛ asɔfotade ne ne fifo ahoni kaa ho. Ɛnna ɔhyɛɛ ne mmabarima no mu baako sɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mika yɛɛ asɔreeɛ na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne efiefoɔ ahoni kaa ho. Ɛnna ɔhyɛɛ ne mmammarima no mu baako ɔsɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Nso na ɔbarima Mika no wɔ abosomfi, na ɔyɛɛ asɔfotade ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu biako sɔfo, na odii no sɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 17:5
24 Iomraidhean Croise  

Na Laban kɔ rekɔtwitwa ne nnwan ho nwi. Na Rahel wiaa n’agya abusua honi.


Na afei deɛ korɔ ara na wopɛ sɛ wokorɔ, ɛfiri sɛ gyina na w’ani agyina w’agya fie; na adɛn nti na woawia m’anyame?


Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea fie, na ɔde ɔman no nyinaa mu nnipa a wɔmfiri Lewi mma mu sisii asɔfoɔ.


Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, bosome no da a ɛtɔ so dunum so, sɛ dapɔnna a wɔdi no Yuda no, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Saa na ɔyɛɛ no Betel, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa nantwie mma a ɔyɛeɛ no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛeɛ no asɔfoɔ duaa Betel.


Na Ɔhene Kores yii AWURADE fie nnoɔma a Nebukadnessar kɔfa firii Yerusalem de ba bɛsiee ne nyame fie no,


Na ɔsomaa Israelfoɔ no mu mmeranteɛ, na wɔde anantwinini kɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.


Na yɛ atemmuo adaaboɔ, ntomanwono mu anyansadwuma, yɛ no sɛdeɛ asɔfotadeɛ no yɛbea teɛ: Sika, bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira na fa yɛ.


Na ntadeɛ a wɔmpam nie: Adaaboɔ ne asɔfotadeɛ ne batakari ne atadeɛ yuu a wɔanwono no damedame ne abotire ne abɔsoɔ; na wɔmpam kronkronyɛ ntadeɛ mma wo nua Aaron ne ne mmabanin, na wɔnhyɛ nni me sɔfoɔ.


Na fa aboomu bobɔ Aaron ne ne mma no mu, na bobɔ wɔn abotire; na asɔfodwuma nyɛ wɔn deɛ sɛ daa atorɔmudeɛ. Sɛɛ na hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ.


Duadwumfoɔ yere homa mu, ɔde pɛnsere sensane ho, ɔde adwinnadeɛ yɛ, na ɔde kɔmpase sensane ho, na ɔyɛ no ɔbarima nsɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntena ɛdan mu.


Na Babel hene gyina tempɔn nkwanta so, akwan mmienu no ti, sɛ wɔnhyɛ nkɔm mma no, ɔwoso agyan, bisa abusua honi adeɛ, hwɛ mmerɛboɔ mu;


sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yi abotire no, na tu ahemmotire no; nnoɔma nnkɔ so ara nyɛ saa ara daa. Ma deɛ abrɛ ase so, na brɛ deɛ ama ne ho soɔ no ase.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.


Na Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ, na wɔasisi aban fɛfɛ, na Yuda ama nkuro a ɛyɛ den adɔ; nanso mɛto ne kuro mu gya, na ahye n’aban a ɛkorɔn no.


Na Aaron ne ne mma no deɛ, yi wɔn si hɔ na wɔnkura wɔn asɔfodie no mu; na ɔhɔhoɔ biara a ɔtwe pini ho no, wɔnku no.


Na obi mfa saa anidie no mma ne ho, gye sɛ deɛ Onyankopɔn afrɛ no te sɛ Aaron no.


Na ɔdanee dwetɛ no maa ne na bio. Na ne na faa dwetɛ ahanu de maa ogufoɔ, na ɔde yɛɛ senhoni ne agudeɛ, na ɛwɔ Mika fie.


Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no bua see wɔn nuanom no sɛ: Monim sɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni a wɔasene ne agudeɛ wɔ adan yi mu? Na afei monhwɛ deɛ mobɛyɛ.


Na ɔse: M’anyame a meyɛeɛ ne ɔsɔfoɔ no, moafa de rekɔ, na ɛdeɛn na mewɔ bio? Na afei adɛn na moka kyerɛ me sɛ: Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ, yi?


Na Danfoɔ no de ohoni a wɔasene no sii hɔ fae, na Mose ba Gersom ba Yonatan ne ne mma dii asɔfoɔ maa Dan abusuakuo no de kɔsii asase no tukorɔ da so.


Na Gideon de yɛɛ ngusoɔ, na ɔde sii kuro Ofra mu. Ɛhɔ na Israel nyinaa dii akyire adwamammɔ mu, na ɛdanee Gideon ne ne fie fidie.


Na Mikal faa ohoni de too mpa no so, na ɔde abirekyie nwi sumiiɛ too atifi, na ɔde ntoma kataa so.


Na Ahimelek ba Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn Keila no, na asɔfotadeɛ no kura no, na ɔde siane kɔeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan