Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 17:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔdanee dwetɛ no maa ne na bio. Na ne na faa dwetɛ ahanu de maa ogufoɔ, na ɔde yɛɛ senhoni ne agudeɛ, na ɛwɔ Mika fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔdanee dwetɛ no maa ne na bio. Na ne na faa dwetɛ ahanu de maa ogufoɔ, na ɔde yɛɛ senhoni ne agudeɛ, na ɛwɔ Mika fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Enti ne na de nnwetɛbona ahannu kɔmaa dwetɛdwumfo na ɔde yɛɛ ohoni. Na wɔde sii Mika fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Enti ne maame de nnwetɛbena ahanu kɔmaa dwetɛdwumfoɔ na ɔde yɛɛ nsɛsodeɛ ne ohoni. Na wɔde sii Mika fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔdan dwetɛ no maa ne na bio. Na ne na faa dwetɛ ahanu de maa ogufo, na ɔde yɛɛ osenhoni ne agude, na ɛwɔ Mika fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 17:4
9 Iomraidhean Croise  

Na mobɛgu mo dwetɛ ahoni nnuraho ne mo sika agudeɛ nkataho no ho fi. Wobɛto agu sɛ nsabutam, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Firi hɔ!


Duadwumfoɔ yere homa mu, ɔde pɛnsere sensane ho, ɔde adwinnadeɛ yɛ, na ɔde kɔmpase sensane ho, na ɔyɛ no ɔbarima nsɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntena ɛdan mu.


Sɛ odwumfoɔ sene ohoni a, ɛho mfasoɔ ne deɛn? Ɛyɛ guo honi, kyerɛkyerɛni torofoɔ; ɛfiri sɛ odwumfoɔ yɛ ahoni mum a, ɔde ne ho to ɔno ara n’adwinnie a ɔdie no so.


Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa agudeɛ, AWURADE akyiwadeɛ, adwumfoɔ nsa ano adwuma, na ɔde bɛsi kokoam. Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen!


Na ɔdanee dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Ne ne na kaa sɛ: Yie na mayi dwetɛ no afiri me nsam ayɛ no kronkron ama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasene ne agudeɛ; enti nso mɛdane ama wo.


Nso na ɔbarima Mika no wɔ nyamefie, na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu baako sɔfoɔ, na ɔbɛyɛɛ ne sɔfoɔ.


Na mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no kɔ kɔhyɛnee hɔ faa ohoni a wɔasene ne asɔfotadeɛ ne abusua ahoni ne agudeɛ no, nso na ɔsɔfoɔ no ne mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akodeɛ no gyina aboboɔ no ano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan