Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 16:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Ka kyerɛ me ɛ, ɛdeɛn mu na w’ahoɔden kɛseɛ no wɔ, na ɛdeɛn na wɔde bɛkyekyere woɔ abrɛ wo aseɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Ka kyerɛ me ɛ, ɛdeɛn mu na w’ahoɔden kɛseɛ no wɔ, na ɛdeɛn na wɔde bɛkyekyere woɔ abrɛ wo aseɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Enti Delila ka kyerɛɛ Samson se, “Mesrɛ wo kyerɛ me nea ɛma wo ahoɔden saa ne nea ɛbɛyɛ a wobetumi akyekyere wo papee.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Enti, Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ, “Mesrɛ wo kyerɛ me deɛ ɛma wo ahoɔden saa ne deɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi akyekyere wo pampee.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Ka kyerɛ me ɛ, dɛn mu na w’ahoɔden kɛse no wɔ, na ɛdɛn na wɔde bɛkyere wo abrɛ wo ase?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 16:6
12 Iomraidhean Croise  

Na wɔsoma maa wɔbaa me nkyɛn saa ara mprɛnnan, na mebuaa wɔn saa ara.


Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne akoma nta na wɔde kasa.


Mmaa asansafoɔ ano yɛ amena donkodonko, deɛ AWURADE apo no no bɛhwe mu.


Tɛkyerɛma torofoɔ tane wɔn a apira wɔn, na ano a ɛdɛfɛdɛfɛ de ɔsɛeɛ ba.


Na ɛsiane ɔbaa dwamamfoɔ nti, wɔgyee ɔbarima paanoosini, na obi yere deɛ, wɔgyee no ne nkwa a ne boɔ yɛ den no.


Ɔde bradɛ pii too no, ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe.


Nnipa pa ayera afiri asase so; teefoɔ nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛ mogya, wɔsunsum wɔn nuanom fidie.


Monnnye adamfoɔ nnni, mommfa mo ho nnto ɔyɔnkoɔ so; ɔbaa a ɔda wo koko mu no, ne ho na wɛn w’ano.


Na ɔsu guu ne so nnanson no a apontoɔ no gu soɔ no nyinaa. Na da a ɛtɔ so nson no ɔka kyerɛɛ no, ɛfiri sɛ na ɔha no. Na ɔkɔka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no.


Na Filistifoɔ asafohene baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Daadaa no na hwɛ adekodeɛ a n’ahoɔden kɛseɛ no wɔ mu ne adekodeɛ a yɛde bɛtumi no na yɛakyekyere no abrɛ no ase, na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena apem ne ɔha.


Na Samson ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde nhomamono nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, ɛnneɛ mɛhodwo, na mayɛ sɛ onipa biara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan