Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 16:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na Filistifoɔ asafohene no hyiaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ kɛseɛ ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na Filistifoɔ asafohene no hyiaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ kɛseɛ ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Filistifo ntuanofo no hyɛɛ fa kɛse bi, bɔɔ afɔre maa wɔn nyame Dagon dii ahurusi kae se, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn tamfo no ahyɛ yɛn nsam!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Filistifoɔ ntuanofoɔ hyɛɛ fa kɛseɛ bi, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn nyame Dagon dii ahurisie kaa sɛ, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn ɔtamfoɔ no ahyɛ yɛn nsam!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na Filistifo asafohene no hyiae sɛ wɔbɛbɔ afɔre kɛse ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wose: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 16:23
12 Iomraidhean Croise  

Na wɔde n’akodeɛ no kɔsiee wɔn anyame fie, na ne tikwankoraa deɛ, wɔde kɔfam Dagon fie.


Wo tamfo hwe ase a, mma w’ani nnnye, na ɔwatiri a, mma w’akoma nnni ahurisie,


Ɔman bi asakyera n’anyame, anyame a wɔnyɛ anyame? Nanso me man de n’animuonyam asesa deɛ ɛho nni mfasoɔ.


Na aman no mu biara nante ne nyame din mu, na yɛn deɛ, yɛbɛnante AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu de akɔsi daa daa.


Dabi, na mmom mese, afɔdeɛ a wɔbɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne nya ayɔnkoyɛ.


Na ne tirinwi firi aseɛ fui, n’ayie no akyi.


Na wɔtwaa ne ti, na wɔyii ne ho akodeɛ, na wɔsoma maa wɔde kyinii Filistifoɔ asase so hyiae, sɛ wɔnkɔbɔ kaseɛ wɔ wɔn abosomfie ne ɔman no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan