Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 16:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Woasisi me de abɛduru sɛsɛɛ yi, na woatwa me nkontompo. Kyerɛ me deɛ wɔbɛtumi de akyekyere woɔ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wode me tirinwi mpɛsɛmpɛsɛ nson de fra ntomaban nwono a.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Woasisi me de abɛduru sɛsɛɛ yi, na woatwa me nkontompo. Kyerɛ me deɛ wɔbɛtumi de akyekyere woɔ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wode me tirinwi mpɛsɛmpɛsɛ nson de fra ntomaban nwono a.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Delila ka kyerɛɛ no se, “Wudii me ho fɛw twaa me nkontompo! Worenkyerɛ me sɛnea wobetumi akyekyere wo papee ana?” Samson buaa no se, “Sɛ wonwen me tinwi mmɛsa ason no bɔ ntama bamma a ɛwɔ wʼakurokurowa no mu a, mɛyɛ mmerɛw te sɛ obiara.” Enti ɔdae no, Delila bɔɔ ne tinwi mmɛsa ason no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Delila ka kyerɛɛ no sɛ, “Wodii me ho fɛ, twaa me nkontompo! Worenkyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛtumi akyekyere wo pampee anaa?” Samson buaa no sɛ, “Sɛ wonwono me tirinwi mmɛsa nson no bɔ ntoma bamma a ɛwɔ wʼakurokurowa no mu a, mɛyɛ mmerɛ te sɛ obiara.” Enti ɔdaeɛ no, Delila bɔɔ ne tirinwi mmɛsa nson no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Woasisi me de abedu sesɛɛ yi, na woatwa me nkontompo. Kyerɛ me nea wobetumi de akyere wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wode me ti nwi atɔw ason no de fra ntamabamma nwene a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 16:13
4 Iomraidhean Croise  

Na ɔsu guu ne so nnanson no a apontoɔ no gu soɔ no nyinaa. Na da a ɛtɔ so nson no ɔka kyerɛɛ no, ɛfiri sɛ na ɔha no. Na ɔkɔka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no.


Ɛnna Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Hwɛ, woasisi me, na woatwa me nkontompo. Afei mesrɛ wo, kyerɛ me deɛ wɔbɛtumi de akyekyere woɔ ɛ.


Na Delila faa ntampehoma foforɔ de kyekyeree no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Nso na atɛfoɔ no hyɛ pia mu. Na ɔtete firii ne basa ho sɛ asaawa.


Na ɔde akoroteaa bɔɔ mu, na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔtuu deɛ wanwono no mu akoroteaa no ne anwonneɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan