Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 15:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnna Filistifoɔ ba bɛkyeree Yuda so nsraban, na wɔtrɛɛ wɔn mu wɔ Lehi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɛnna Filistifoɔ ba bɛkyeree Yuda so nsraban, na wɔtrɛɛ wɔn mu wɔ Lehi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Filistifo no nso kyeree nsraban wɔ Yuda sɛee Lehi kurow no de tuaa ne so ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Filistifoɔ no nso kyeree sraban wɔ Yuda sɛee Lehi kuro no de tuaa ne so ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna Filistifo bae bɛbɔɔ Yuda so nsra, na wɔtrɛw wɔn ho mu wɔ Lehi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 15:9
5 Iomraidhean Croise  

Na Yuda mmarima no kaa sɛ: Adɛn nti na moaba yɛn soɔ yi? Na wɔse: Yɛreba abɛkyekyere Samson na yɛayɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ yɛn no.


Ɔreyɛ aduru Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ne so ose. Na AWURADE honhom sii ne so, na ntampehoma a ɛwɔ ne basa ho no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka na ne homa no sanesane firii ne nsa.


Na ɛbaa sɛ ɔwiee kasa no, ɔtoo abɔgyeɛ no mu firi ne nsam twenee, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ Ramat-lehi.


Na Onyankopɔn paee tokuro a ɛwɔ Lehi no mu, na nsuo firi hɔ bae, na ɔnomee. Na ne honhom sane bae na ɔnyaa nkwa. Enti wɔfrɛ hɔ En-hakore a ɛwɔ Lehi de bɛsi nnɛ yi.


Na ɔbobɔɔ wɔn srɛ ne dwonkuo so kunkumm wɔn okunkɛseɛ. Na ɔsii mu kɔtenaa Etam botan tokuro mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan