Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 15:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na sukɔm de no sɛ, na ɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode gyeɛ kɛseɛ yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei sukɔm reku me, na mahwe momonotofoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na sukɔm de no sɛ, na ɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode gyeɛ kɛseɛ yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei sukɔm reku me, na mahwe momonotofoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yiye nti osu frɛɛ Awurade sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛse yi. Na enti osukɔm nkum me, na minwu wɔ saa abosonsomfo yi nsam ana?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yie enti ɔsu frɛɛ Awurade sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛseɛ yi. Na enti osukɔm nku me, na mentɔ wɔ saa abosonsomfoɔ yi nsam?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na osukɔm dee no sɛ, na osu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode ogye kɛse yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei osukɔm rekum me, na mahwe momonotofo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 15:18
19 Iomraidhean Croise  

Na Abraham kaa sɛ: Ɛfiri sɛ mesusuu sɛ, ampa Onyankopɔn ho suro nni ha yi, na me yere nti wɔbɛku me.


Na ɔtwaa mu wɔ Peniel berɛ a na owia apue no, na ɔtɔ gu so ne dwonku a ahwan no nti.


Monnka no Gat, mommmɔ kaseɛ Askelon mmɔntene so, na Filistifoɔ mmammaa ani annye, na momonotofoɔ mmammaa anni ahurisie.


Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, (sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti), ɔkaa sɛ: Osukɔm de me.


Na ɛdeɛn na menka bio? Na sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifoɔ no ho asɛm a, anka adagyeɛ bɛbɔ me.


Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nuanom mma mmaa ne me man nyinaa mu nni ɔbaa bi, na worekɔ akɔware ɔbaa Filistifoɔ momonotofoɔ no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.


Na ɛbaa sɛ ɔwiee kasa no, ɔtoo abɔgyeɛ no mu firi ne nsam twenee, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ Ramat-lehi.


Na Samson frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE Nyankopɔn, afei kae me, na hyɛ me den prɛko pɛ yi nko ara, Onyankopɔn, na mentɔ m’ani mmienu yi so were prɛko Filistifoɔ so.


Na Gideon duruu Yordan ano no, ɔne mmarima ahasa a wɔka ne ho no twae; wɔabrɛ, nanso wɔtii wɔn ara.


Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi?


W’akoa akum gyata ne sisire nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu baako, sɛ watwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa.


Na Dawid see no n’akoma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi, Saulo nsa na ɛbɛku me; biribiara nyɛ mma me sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asase soɔ, na Saulo agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafiri ne nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan