Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 15:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na Yuda mu mmarima mpensa sii mu kɔɔ Etam botan tokuro no mu, na wɔka kyerɛɛ Samson sɛ: Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn soɔ, na ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na Yuda mu mmarima mpensa sii mu kɔɔ Etam botan tokuro no mu, na wɔka kyerɛɛ Samson sɛ: Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn soɔ, na ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Enti Yudafo mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu wɔ Etam no sɛ wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson sɛ, “Wunnim sɛ Filistifo na wodi yɛn so? Dɛn na woreyɛ yɛn yi?” Nanso Samson buae wɔn se, “Nea wɔyɛɛ me no na mituaa wɔn so ka.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Enti, Yudafoɔ mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu wɔ Etam no sɛ wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson sɛ, “Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn so? Ɛdeɛn na woreyɛ yɛn yi?” Nanso, Samson buaa wɔn sɛ, “Deɛ wɔyɛɛ me no na metuaa wɔn so ka.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na Yuda mmarima mpensa siim kɔɔ Etam botan tokuru no mu, na wɔka kyerɛɛ Samson sɛ: So wunnim sɛ Filistifo na wodi yɛn so, na ɛdɛn na woayɛ yɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 15:11
10 Iomraidhean Croise  

Na yeinom ne Etam agya deɛ: Yesreel ne Yisma ne Yidbas, na wɔn nua din de Haslelponi;


Na mede aweretɔ nkrantɛ a ɛbɛtɔ m’apam no so were bɛba mo so, na moaboaboa mo ano akɔ mo nkuro mu, na mɛma yaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa.


Sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi sɛ wobɛhwɛ ayɛ a, ɛnneɛ AWURADE bɛma woakɔ kan na worenka akyire, na wobɛkɔ soro ara, na woremmrɛ ase da;


Ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo mu bɛkɔ soro akyɛne wo ara, na wo deɛ, wobɛsiane aba famfamfam;


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan.


Na n’agya ne ne na nnim sɛ yei firi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifoɔ ho kwan; ɛfiri sɛ saa berɛ no na Filistifoɔ di Israel so.


Na Yuda mmarima no kaa sɛ: Adɛn nti na moaba yɛn soɔ yi? Na wɔse: Yɛreba abɛkyekyere Samson na yɛayɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ yɛn no.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛreba abɛkyekyere wo na yɛde wo akɔhyɛ Filistifoɔ no nsa. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka ntam nkyerɛ me sɛ mo ara deɛ, morenyɛ me hwee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan