Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 14:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na n’agya ne ne na nnim sɛ yei firi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifoɔ ho kwan; ɛfiri sɛ saa berɛ no na Filistifoɔ di Israel so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na n’agya ne ne na nnim sɛ yei firi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifoɔ ho kwan; ɛfiri sɛ saa berɛ no na Filistifoɔ di Israel so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nʼagya ne ne na anhu sɛ Awurade na ɔreyɛ nʼadwuma, rehwehwɛ akwannya bi a ɔbɛfa so atia Filistifo a saa bere no na wodi Israelfo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nʼagya ne ne maame anhunu sɛ Awurade na ɔreyɛ nʼadwuma, repɛ akwannya bi a ɔbɛfa so atia Filistifoɔ a saa ɛberɛ no na wɔdi Israelfoɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na n’agya ne ne na nnim sɛ eyi fi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifo ho kwan; efisɛ saa bere no na Filistifo di Israel so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 14:4
14 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene antie ɔman no, ɛfiri sɛ AWURADE na ɔdanee no saa, sɛ ɔbɛma n’asɛm a AWURADE nam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommforo nnkɔ na mo ne mo nuanom Israel nnkɔko, monsane nkɔ mo afie; na me na asɛm yi firi me. Na wɔtiee AWURADE asɛm no, na wɔsane kɔe, sɛdeɛ AWURADE asɛm no seɛ no.


Na ɔda so ne wɔn rekasa no, hwɛ, na ɔbɔfoɔ no resiane aba ne nkyɛn. Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, bɔne yi firi AWURADE nkyɛn, ɛdeɛn na mentwɛn AWURADE mennye bio?


Na ɔhene no antie ɔman no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔdanee no saa, sɛdeɛ AWURADE bɛma n’asɛm a ɔnam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.


Na Onyankopɔn na ɔde asiane bɛsianee Ahasia sɛ ɔnkɔ Yehoram nkyɛn. Na ɔduruiɛ no, ɔne Yehoram fie kɔhyiaa Nimsi ba Yehu a AWURADE asra no sɛ ɔnsɛe Ahab fie.


Na Amasia antie, ɛfiri sɛ Nyankopɔn nsam na ɛfire, sɛ ɔde wɔn bɛhyɛ obi nsam, sɛ wɔasom Edom anyame no nti.


Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, deɛ ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ.


Ɛnna aberempɔn ne amantam ahemfo no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm bie, ahennie no fam; nanso wɔannya asɛm anaa bɔne biara, ɛfiri sɛ na ɔdi nokorɛ, na wɔnhunu ne ho mfomsoɔ anaa bɔne biara.


wobɛsom w’atamfo a AWURADE bɛsoma aba wo soɔ no, ɛkɔm ne sukɔm ne adagya ne nnoɔma nyinaa mu hia mu; na ɔde dadeɛ kɔnnua bɛto wo kɔn mu akɔsi sɛ ɔbɛsɛe woɔ.


Na ɛfiri AWURADE, sɛ ɔpirim wɔn akoma sɛ wɔnkɔhyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasapasa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan.


Na Samson ne n’agya ne ne na sii mu kɔɔ Timna. Na wɔduruu Timna bobe nturo ho, na hwɛ, gyataburuwa bi boboom hyiaa no.


Na Yuda mu mmarima mpensa sii mu kɔɔ Etam botan tokuro no mu, na wɔka kyerɛɛ Samson sɛ: Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn soɔ, na ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn.


Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei deɛ, sɛ me ne Filistifoɔ di no bɔne a, merenni ho so biara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan