Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 14:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nuanom mma mmaa ne me man nyinaa mu nni ɔbaa bi, na worekɔ akɔware ɔbaa Filistifoɔ momonotofoɔ no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nuanom mma mmaa ne me man nyinaa mu nni ɔbaa bi, na worekɔ akɔware ɔbaa Filistifoɔ momonotofoɔ no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼagya ne ne na ampene so kaa no anibere so se, “Enti yɛn abusua yi mu anaa Israelfo yi mu, ɔbea baako mpo nni mu a wutumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifo abosonsomfo mu kɔhwehwɛ ɔyere?” Nanso Samson ka kyerɛɛ nʼagya se, “Kɔyɛ ne ho ade ma me. Ɔno ara na mepɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼagya ne ne maame ampene so kaa no anibereɛ so sɛ, “Enti, yɛn abusua yi mu anaa Israelfoɔ yi mu, ɔbaa baako mpo nni mu a wotumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifoɔ abosonsomfoɔ mu kɔpɛ ɔyere?” Nanso, Samson ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Kɔyɛ ne ho adeɛ ma me. Ɔno ara na mepɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: So wo nuanom mmabea ne me man nyinaa mu nni ɔbea bi, na worekɔ akɔware ɔbea Filistifo momonotofo no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 14:3
15 Iomraidhean Croise  

Na Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ: Mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, na yɛyɛ anuanom.


Na Abraham de nnwan ne anantwie maa Abimelek, na wɔn baanu pamee.


Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛntumi saa adeɛ yi yɛ, sɛ yɛde yɛn nua bɛma ɔbarima a ɔyɛ momonoto, ɛfiri sɛ ɛno yɛ ahohora ma yɛn.


Monnka no Gat, mommmɔ kaseɛ Askelon mmɔntene so, na Filistifoɔ mmammaa ani annye, na momonotofoɔ mmammaa anni ahurisie.


Na sɛ mosane mo akyiri de mo ho kɔbata amanaman yi nkaeɛ a wɔakeka mo ho yi ho, na mo ne wɔn di ayewareɛ na mokɔ wɔn mu na wɔba mo mu a,


Na ɔforo ba bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makɔhunu ɔbaa bi wɔ Timna, Filistifoɔ mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware.


Na sukɔm de no sɛ, na ɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode gyeɛ kɛseɛ yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei sukɔm reku me, na mahwe momonotofoɔ nsam.


Na Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛntwam nkɔ momonotofoɔ bansifoɔ yi ho, ebia AWURADE bɛdi ama yɛn, na biribiara nsi AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa bɛgye nkwa.


Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi?


W’akoa akum gyata ne sisire nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu baako, sɛ watwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa.


Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛwɔ me na wɔammɛgoro me atɔprɛ. Na n’akodeɛkurani no ampene, ɛfiri sɛ na ɔsuro pii. Ɛnna Saulo faa nkrantɛ na ɔhwee soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan