Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 14:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Merebɛto mo aborɔme bi. Sɛ motumi kyerɛ me aseɛ nnanson apontoɔ yi mu na mohunu a, ɛnneɛ mɛma mo nkamisaa aduasa ne ntadeɛ nsakyeraho aduasa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Merebɛto mo aborɔme bi. Sɛ motumi kyerɛ me aseɛ nnanson apontoɔ yi mu na mohunu a, ɛnneɛ mɛma mo nkamisaa aduasa ne ntadeɛ nsakyeraho aduasa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Samson ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma menka aborɔme bi nkyerɛ mo. Sɛ nnanson aponto yi mu, mutumi yi ano a, mɛma mo sirikyitam ntade aduasa ne ntade ahorow bi nso aduasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma menka aborɔme bi nkyerɛ mo. Sɛ nnanson apontoɔ yi mu, motumi yi ano a, mɛma mo serekyetam ntadeɛ aduasa ne ntadeɛ ahodoɔ bi nso aduasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Merebɛto mo aborɔme bi. Sɛ mutumi kyerɛ me ase nnansɔn apontow yi mu na muhu a, ɛnne mɛma mo nkamisaa aduasa ne ntade nsakraho aduasa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 14:12
22 Iomraidhean Croise  

Ɔmaa wɔn nyinaa ntadeɛ nsakyeraho mmaako mmaako, na Benyamin deɛ, ɔmaa no nnwetɛbena ahasa ne ntadeɛ nsakyeraho nnum.


Na Seba hemmaa tee Salomo nka a ɛfa AWURADE din ho, na ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ,


Na ɔse: Asomdwoeɛ mu. Me wura asoma me sɛ: Hwɛ, seesei mmeranteɛ baanu a wɔfiri adiyifoɔ mma no mu firi Efraim bepɔ so aba me nkyɛn, mesrɛ wo, ma wɔn dwetɛ talente baako ne ntadeɛ nsakyeraho mmienu.


Na Siriahene no kaa sɛ: Kɔ na bra, na mɛtwerɛ Israel hene no nwoma. Na ɔsii mu kɔe, na ɔfaa dwetɛ dwetikɛseɛ du ne sika nnwetɛbena mpemnsia ne ntadeɛ nsakyeraho du kurae.


Ɛberɛ no mu no, Salomo dii nnapɔnna no nnanson, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ pa ara a wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat kɔsi Misraim subonhwa ano.


Mɛbrɛ m’aso ase matie abebusɛm, mede sankubɔ mɛkyerɛ me bɛ ase.


Sɛ wɔmfa nhunu abebusɛm ne akasabebuo, anyansafoɔ nsɛm ne wɔn mmɛ mu.


Ɔpam nkamisaa na ɔtɔn, na ɔde abɔsoɔ ma odwadini.


Onipa ba, to aborɔme no ka mfatohosɛm yi kyerɛ Israel fie,


Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wɔn deɛ, wɔka no ne me ho sɛ: Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebubuo yi?


Yei nti na mekasa mekyerɛ wɔn mmebuo mu, ɛfiri sɛ wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu, na wɔte deɛ, nso wɔnte aseɛ.


Yeinom nyinaa Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no abebuo mu, na wankwati bɛ anka asɛm biara ankyerɛ wɔn.


Na wɔyii n’atadeɛ na wɔde akatakɔnmu kɔkɔɔ bi guu ne so,


Monnhyehyɛ agyapadeɛ asase so, faako a nweweboaa ne nnaakyen sɛe no, na awifoɔ bubu kɔwia.


Na ɔde n’ani karii wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn adidie no sɛdeɛ wɔpa mu yi mpanimfoɔ tenaberɛ no, ɔbuu wɔn bɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ:


N’asuafoɔ no see no sɛ: Hwɛ, afei deɛ, wokasa pefee, na wommu bɛ biara.


Na seesei deɛ, yɛnam ahwehwɛ mu hunu adeɛ wɔ bɛ mu, na daakye deɛ, anim ne anim; seesei deɛ, mehunu adeɛ fa-ne-fa, na daakye deɛ, mɛhunu adeɛ mua sɛdeɛ wɔahunu me nso yi.


Mo ahonyadeɛ aporɔ, na nweweboaa awe mo ntadeɛ.


Na wɔhunuu no no, wɔde nnamfonom aduasa bɛkaa ne ho.


na sɛ moantumi ankyerɛ me a, mo nso momma me nkamisaa aduasa ne ntadeɛ nsakyeraho aduasa. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: To w’aborɔme no na yɛntie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan