Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 13:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima; na afei nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ; na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum de akɔsi ne wuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima; na afei nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ; na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum de akɔsi ne wuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso ɔka kyerɛɛ me se, ‘Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwade. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni fi awo mu kosi bere a obewu.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwadeɛ. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɔbɛwu.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima; na afei nnom bobesa anaa nsa bi, na nni biribi a ɛho ntew; na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum de akosi ne wuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 13:7
6 Iomraidhean Croise  

Na wɔse: Yerɛnnom nsa. Na yɛn agya Rekab ba Yonadab ahyɛ yɛn sɛ: Monnnom nsa, mo ne mo mma nnnom bi da biara da.


Na mememaa mo mma binom so mesisii adiyifoɔ, ne mo mmeranteɛ binom meyeyɛɛ ahotuafoɔ. Ɛnte saa, O Israelfoɔ? AWURADE asɛm nie.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi de ne ho kɔhyɛ ahotuafoɔ mu hyɛ bɔ sɛ ɔbɛtua ne ho adeɛ de ne ho ama AWURADE a,


Na afei hwɛ yie, na nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ.


Ɛnna ɔbaa no ba bɛka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Nyankopɔn nipa bi aba me nkyɛn, na n’anim yɛ hu pa ara sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ anim, na mammisa no deɛ ɔfire, na ɔno nso ankyerɛ me ne din.


Na Manoa bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: O AWURADE, ma Nyankopɔn nipa a wosomaa no no mmra yɛn nkyɛn bio, na ɔmmɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ abɔfra a wɔrebɛwo no no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan