Atemmufo 13:5 - New Revised Asante Twi Bible5 Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron5 Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm5 Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan renka ne ti, efisɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn fi awo mu. Obegye Israel afi Filistifo nsam.” Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm5 Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan nka ne tire, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn firi awoɔ mu. Ɔbɛgye Israel afiri Filistifoɔ nsam.” Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON5 Na hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima a oyiwan renka ne ti, na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum, na ɔno na obefi ase agye Israel afi Filistifo nsam. Faic an caibideil |