Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 13:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Sɛ wosianka me mpo a, merenni w’aduane no bi. Na sɛ wobɛbɔ hyeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a, bɔ ɛ! Na Manoa nnim sɛ ɔyɛ AWURADE bɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Sɛ wosianka me mpo a, merenni w’aduane no bi. Na sɛ wobɛbɔ hyeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a, bɔ ɛ! Na Manoa nnim sɛ ɔyɛ AWURADE bɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade bɔfo no buae se, “Mɛtena, nanso, merenni biribiara. Mmom, mutumi siesie ɔhyew afɔre sɛ afɔrebɔde de ma Awurade.” (Na Manoa anhu sɛ ɔyɛ Awurade bɔfo.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Mɛtena, nanso, merenni biribiara. Mmom, motumi siesie ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛ afɔrebɔdeɛ de ma Awurade.” (Na Manoa anhunu sɛ ɔyɛ Awurade ɔbɔfoɔ.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Sɛ wusianka me po a, merenni w’aduan no bi; na sɛ wobɛbɔ ɔhyew afɔre ama AWURADE a, bɔ ɛ! Na Manoa nnim sɛ ɔyɛ AWURADE bɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 13:16
5 Iomraidhean Croise  

Moanya abɛfa mo akoa nkyɛn yi, merekɔ makɔfa paanoo kakra maba, na mode adwodwo mo akoma, na ɛno akyiri no moakɔ. Na wɔse: Yɛ sɛdeɛ woaka yi.


Na AWURADE bɔfoɔ no ammɛyi ne ho adi ankyerɛ Manoa ne ne yere bio. Ɛno na Manoa hunuu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfoɔ.


Na ne yere no ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE pɛ sɛ ɔku yɛn a, anka wannye yɛn nsam ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ, na anka wanyi yeinom nyinaa ankyerɛ yɛn, na anka wamma yɛante nsɛm a ɛte saa yi saa berɛ yi.


Na Nyankopɔn bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nam no ne apiti no gu ɔbotan a ɛwɔ ha yi so, na ɛho nsuo no, hwie gu. Na ɔyɛɛ saa.


Na si afɔrebukyia ma AWURADE wo Nyankopɔn, bepɔ a ɛyɛ den yi atifi, sɛdeɛ ɛho nhyehyɛɛ teɛ; na fa nantwinini a ɔtɔ so mmienu no bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ Asera nnua a wobɛtwa no nnyina no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan