Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 13:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Ɔnnni adeɛ biara a ɛfiri bobe mu, na ɔnnnom bobesa anaa nsa biara, na adeɛ biara a ɛho nteɛ nso, ɔnnni; deɛ mahyɛ no nyinaa, ɔnni so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Ɔnnni adeɛ biara a ɛfiri bobe mu, na ɔnnnom bobesa anaa nsa biara, na adeɛ biara a ɛho nteɛ nso, ɔnnni; deɛ mahyɛ no nyinaa, ɔnni so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ɛnsɛ sɛ odi bobe anaa biribiara a efi bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den. Ɛnsɛ sɛ odi aduan biara a ɛyɛ akyiwade.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ɛnsɛ sɛ ɔdi bobe anaa biribiara a ɛfiri bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Ɛnsɛ sɛ ɔdi aduane biara a ɛyɛ akyiwadeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Onnni ade biara a efi bobe mu, na ɔnnnom bobesa anaa nsa biara, na ade biara a ɛho ntew nso, onnni; nea mahyɛ no nyinaa, onni so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 13:14
10 Iomraidhean Croise  

Na wɔse: Yerɛnnom nsa. Na yɛn agya Rekab ba Yonadab ahyɛ yɛn sɛ: Monnnom nsa, mo ne mo mma nnnom bi da biara da.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi de ne ho kɔhyɛ ahotuafoɔ mu hyɛ bɔ sɛ ɔbɛtua ne ho adeɛ de ne ho ama AWURADE a,


n’ahotua nna nyinaa mu, biribiara a wɔde bobe ho biribi ayɛ, ne nsoeɛ mu aba oo, ne hono oo, ɔnnni.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


Na ne na see asomfoɔ no sɛ: Biribiara a ɔbɛse mo no, monyɛ!


Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi bi nso mfiri mu.


Na yɛn ani da mo so Awurade mu, sɛ moyɛ na mobɛyɛ deɛ yɛhyɛ mo.


Na afei hwɛ yie, na nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima; na afei nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ; na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum de akɔsi ne wuda.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan