Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 13:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bio, Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, enti Awurade de wɔn hyɛɛ Filistifo nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfe aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, enti Awurade de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfeɛ aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifo nsa mfirihyia aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 13:1
16 Iomraidhean Croise  

Etiopiani bɛtumi asakyera ne wedeɛ, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakyera ne ho nworonnworan? Ɛnneɛ mo nso mobɛtumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwa mo.


Ɔno na ɔbɛsusu nnipa nyinaa nnwuma so adeɛ ama wɔn mmaako mmaako.


Na ɛdeɛn na menka bio? Na sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifoɔ no ho asɛm a, anka adagyeɛ bɛbɔ me.


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no.


Na AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Amonfoɔ nsa.


Na Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni no wui, na wɔsiee no Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfoɔ bepɔ soɔ no so.


Na n’agya ne ne na nnim sɛ yei firi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifoɔ ho kwan; ɛfiri sɛ saa berɛ no na Filistifoɔ di Israel so.


Na Yuda mu mmarima mpensa sii mu kɔɔ Etam botan tokuro no mu, na wɔka kyerɛɛ Samson sɛ: Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn soɔ, na ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn.


Na ɔbuu Israel atɛn Filistifoɔ berɛ no so mfirinhyia aduonu.


Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.


Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.


Na Israelfoɔ no kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; nso na Ehud awu.


Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfeɛ nson.


Nanso wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Hasor sahene Sisera nsa ne Filistifoɔ nsa ne Moabhene nsa, na wɔne wɔn bɛkoe.


Mo Filistifoɔ, monyɛ den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifoɔ sɛdeɛ wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.


Na wɔbrɛɛ Filistifoɔ no ase, na wɔankɔ so amma Israel hyeɛ mu bio; na AWURADE nsa daa Filistifoɔ so Samuel nna nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan