Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 12:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Gilead faa Yordan atwaeɛ twaree Efraim; na sɛ Efraim adwanefoɔ no mu bi ka sɛ: Ma mentwa a, ɛnneɛ Gilead mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ɔse: Dabi a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Gilead faa Yordan atwaeɛ twaree Efraim; na sɛ Efraim adwanefoɔ no mu bi ka sɛ: Ma mentwa a, ɛnneɛ Gilead mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ɔse: Dabi a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yefta ko faa Yordan aworoe so. Bere biara a oguanfo bi a ofi Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ guan kɔ nʼakyi no, Gileadfo no bisa no se, “Wufi Efraim abusua mu ana?” Sɛ ɔbarima no bua se, “Dabi” a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yefta ko faa Yordan aworɔso. Ɛberɛ biara a odwanefoɔ bi a ɔfiri Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ dwane kɔ nʼakyi no, Gileadfoɔ no bisa no sɛ, “Wofiri Efraim abusua mu anaa?” Sɛ ɔbarima no bua sɛ, “Dabi” a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Gilead faa Yordan atwae twaree Efraim; na sɛ Efraim aguanfo no mu bi ka sɛ: Ma mintwa, a, ɛnne Gilead mmarima no bisaa no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ose: Dabi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 12:5
9 Iomraidhean Croise  

Na Nebat ba Yeroboam, Efratini a ɔfiri Sereda a ɔyɛ Salomo akoa, na ne na din de Serua, ɔbaa kunafoɔ bi, nso tee ɔhene so atua.


Na mmarima no tii wɔn faa Yordan kwan so de kɔɔ atwaeɛ; na wɔn a wɔtii wɔn no firii adie ara pɛ, na wɔtoo kuro pono no mu.


Na Israelfoɔ no tee sɛ wɔse: Hwɛ, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no asi afɔrebukyia wɔ Kanaan asase no anim, Yordan ho asase no so, ɔfa a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no so.


Na Yefta boaa Gilead mmarima nyinaa ano na ɔne Efraim koe; na Gilead mmarima no kunkumm Efraimfoɔ no, ɛfiri sɛ, wɔse: Moyɛ Efraim adwanefoɔ, mo Gileadfoɔ, mowɔ Efraim mu, na mowɔ Manase mu.


wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ ka sɛ Shibolet, na ɔka sɛ: Sibolet, ɛfiri sɛ ɔntumi nka no yie a, na wɔakye no aku no Yordan atwaeɛ hɔ. Na saa berɛ no Efraimfoɔ mpemaduanan mmienu na ɛtotɔeɛ.


Na aberanteɛ bi wɔ hɔ a ɔfiri Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ.


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montu mmirika nni m’akyi, ɛfiri sɛ AWURADE de mo atamfoɔ Moabfoɔ no ahyɛ mo nsa. Na wɔsiane dii n’akyi, na wɔkɔfaa Yordan atwareeɛ a wɔde kɔ Moab no, na wɔamma obiara antwa.


Na Gideon somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Efraim bepɔ nyinaa so kɔkaa sɛ: Monsiane nkɔhyia Midian, na monnye wɔn nsam nsuo ano akwan nkɔduru Bet-bara ne Yordan ano. Na Efraim mmarima nyinaa bɛhyiae, na wɔbɛgyee nsuo ano akwan no de kɔsii Bet-bara ne Yordan ano.


Na Efratini barima bi wɔ hɔ a ɔfiri Ramataim-sofim, Efraim bepɔ soɔ a ne din de Elkana, Suf ba, Tohu ba, Elihu ba, Yeroham ba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan