Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 11:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 Na abosome mmienu no duruiɛ no, ɔsane baa n’agya nkyɛn; na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ne bɔ a ɔhyɛeɛ no teɛ; na wanhunu ɔbarima biara. Na ɛyɛɛ atorɔmudeɛ Israel mu:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

39 Na abosome mmienu no duruiɛ no, ɔsane baa n’agya nkyɛn; na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ne bɔ a ɔhyɛeɛ no teɛ; na wanhunu ɔbarima biara. Na ɛyɛɛ atorɔmudeɛ Israel mu:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Bere a ɔsan baa fie no, nʼagya dii ne bɔhyɛ so. Enti owui sɛ ababaa a onhuu ɔbarima da. Eyi abɛyɛ amanne wɔ Israel

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Ɛberɛ a ɔsane baa fie no, nʼagya dii ne bɔhyɛ so. Enti ɔwuu sɛ ababaawa a ɔnhunuu ɔbarima da. Yei abɛyɛ amanneɛ wɔ Israel

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

39 Na asram abien duu no, ɔsan baa n’agya nkyɛn; na ɔyɛɛ no sɛnea ne bɔ a ɔhyɛe no te; na wanhu ɔbarima biara. Na ɛyɛɛ atɔremude Israel mu sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 11:39
12 Iomraidhean Croise  

Na Yeremia twaa Yosia ho kwadwom, na nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nyinaa bɔɔ Yosia din wɔn Kwadwom mu de bɛsi nnɛ, na wɔde yɛɛ ahyɛdeɛ Israel mu, na hwɛ, wɔatwerɛ no Kwadwom no mu.


Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa; deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba; deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ;


Nyɛ AWURADE wo Nyankopɔn saa, na n’akyiwadeɛ a ɔtane nyinaa na wɔayɛ ama wɔn anyame, na wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa mpo, wɔde ogya hye wɔn ma wɔn anyame.


ɛnneɛ deɛ ɛbɛfiri me fie apono ano abɛhyia me da a meresane mafiri Amonfoɔ so dwoodwoo no, ɛbɛyɛ AWURADE deɛ, na mede bɛbɔ afɔdeɛ mu.


Na ɔse: Kɔ! Na ɔgyaa no kwan abosome mmienu. Na ɔne ne mfɛfoɔ kɔe, na ɔkɔsuu ne mmabaaberɛ mmepɔ so.


Daa afirinhyia Israel mmammaa kɔ kɔkamfo Gileadni Yefta babaa no afe mu nnanan.


Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti.


Na Hana deɛ, wankɔ, na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Gye sɛ abɔfra no atwa nufoɔ ansa na mede no akɔ, na wakɔpue AWURADE anim, na watena hɔ daa.


Na ɔtwaa no no, ɔfaa no kaa ne ho de nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam efa baako ne bobesa kotokuo ma de no baa AWURADE fie Silo. Na abɔfra no sua.


Enti me deɛ, mede no mafɛm AWURADE; ne nna a ɔbɛtena aseɛ nyinaa mede no mama AWURADE. Na ɔsɔree AWURADE wɔ hɔ.


Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan