Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 11:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, woanya abue w’ano ama AWURADE a, ɛnneɛ yɛ me sɛdeɛ afiri w’ano no, sɛ AWURADE anya atɔ were ama wo, w’atamfo Amonfoɔ no soɔ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

36 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, woanya abue w’ano ama AWURADE a, ɛnneɛ yɛ me sɛdeɛ afiri w’ano no, sɛ AWURADE anya atɔ were ama wo, w’atamfo Amonfoɔ no soɔ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Ne babea no buae se, “Mʼagya, woahyɛ Awurade bɔ. Yɛ me sɛnea woahyɛ bɔ no, efisɛ Awurade ama woadi wʼatamfo a wɔyɛ Amonfo no so nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Ne babaa no buaa sɛ, “Mʼagya, woahyɛ Awurade bɔ. Yɛ me sɛdeɛ woahyɛ bɔ no, ɛfiri sɛ Awurade ama woadi wʼatamfoɔ a wɔyɛ Amonfoɔ no so nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

36 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, woanya abue w’ano ama AWURADE a, ɛnne yɛ me sɛnea afi w’ano no, sɛ AWURADE anya adi were ama wo, w’atamfo Amonfo no so yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 11:36
10 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Sadok ba Ahimaas kaa sɛ: Ma mentu mmirika menkɔbɔ ɔhene kaseɛ pa yi, sɛ AWURADE agye no afiri n’atamfo nsam.


Na hwɛ, Kusni no bae; na Kusni no kaa sɛ: Me wura ɔhene ntie kaseɛ, sɛ AWURADE abu atɛn ama wo nnɛ, wɔn a wɔsɔre tiaa woɔ no nyinaa ho.


Na Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ me wura ɔhene de asomdwoeɛ anya aba ne fie yi, ma Siba mfa asase nyinaa mpo.


Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra adeɛ bi a, ɔmmmu n’asɛm so; deɛ ɛfiri n’anomu nyinaa, ɔnyɛ.


Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ.


Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ.


a wɔpɛɛ sɛ anka wɔde wɔn ara wɔn nkwa to hɔ maeɛ de sii me kra ananmu. Na ɛnyɛ me nko na meda wɔn aseɛ, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso.


Ɛfiri sɛ Kristo adwuma nti na ɔbɛn owuo, na ɔde ne nkwa too hɔ sɛ ɔbɛsi mo ananmu asom me wɔ nnoɔma nyinaa mu.


Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a ɔdii hene firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa nsunoa ne subonhwa no mfimfini ne Gilead fa de kɔsi Yabok subonhwa a ɛne Amonfoɔ hyeɛ no ano,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan