Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 11:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Na me deɛ, menyɛɛ wo bɔne biara, na wo na woreyɛ me bɔne sɛ wo ne me rebɛko yi. AWURADE temmufoɔ no ɔmmu Israelfoɔ ne Amonfoɔ ntam atɛn nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

27 Na me deɛ, menyɛɛ wo bɔne biara, na wo na woreyɛ me bɔne sɛ wo ne me rebɛko yi. AWURADE temmufoɔ no ɔmmu Israelfoɔ ne Amonfoɔ ntam atɛn nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Menyɛɛ mo bɔne. Mmom, mo na moayɛ me bɔne sɛ motow hyɛɛ me so. Momma Awurade a ɔyɛ otemmufo no mmua nnɛ, sɛ yɛn mu hena na nʼasɛm yɛ dɛ? Israel anaa Amon.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Menyɛɛ mo bɔne. Mmom, mo na moayɛ me bɔne sɛ moto hyɛɛ me so. Momma Awurade a ɔyɛ ɔtemmufoɔ no mmua ɛnnɛ, sɛ yɛn mu hwan na nʼasɛm yɛ dɛ? Israel anaa Amon.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 Na me de, menyɛɛ wo bɔne bi ɛ, na wo na woreyɛ me bɔne sɛ wo ne me rebɛko yi. AWURADE temmufo na ommu Israelfo ne Amonfo ntam atɛn nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 11:27
27 Iomraidhean Croise  

Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Asɛmmɔne a wadi me da wo so. Me na mede m’afenaa mato wo kokom, na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn nti, ɔbu me animtia. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn.


Yei mpare wo sɛ wobɛdi saa asɛm yi sɛ wobɛkum ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛni afra, na ɔteneneeni ayɛ sɛ ɔdebɔneyɛni; yei mpare wo. Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?


Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, ne wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n’agya suro ho ntam.


Yɛn Nyankopɔn, woremmu wɔn atɛn? Na yɛnni tumi a yɛde regyina ɛdɔm bebree yi a wɔreba yɛn soɔ yi anim. Na yɛn deɛ, yɛnnim deɛ yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da.


Ɛhɔ na ɔteefoɔ ne no bɛyiyi no, na mafiri me temmufoɔ nsam korakora.


Ɔno na sɛ metene mpo a, meremmua no, mɛkoto no sɛ me temmufoɔ.


Na ɔsoro bɛka ne tenenee akyerɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔrebɛbu atɛn.


Onyankopɔn ne ɔtemmufoɔ tenenee, ne Onyankopɔn a ɔteatea daa nyinaa.


na mmom Onyankopɔn na ɔbu atɛn, ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so.


Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wobɛdi adeɛ, amanaman nyinaa mu.


Asase temmufoɔ, ma wo ho so, tua ahokyerɛfoɔ ka.


AWURADE anim, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔbɛbu wiase atɛn, tenenee mu, ne aman wɔ atɛntenenee mu.


Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu.


Na nneyɛɛ nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmuo mu, na deɛ ahunta nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu ho atɛn.


Adɛn ntira? Sɛ mennɔ mo anaa? Onyankopɔn na ɔnim.


Na ɛtwa sɛ yɛn nyinaa yɛkɔpue Kristo atemmuo adwa no anim hɔ, na obiara anya deɛ ɔnam nipadua so yɛeɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.


Deɛ aka a ɛda me hɔ ne tenenee abotire a Awurade, ɔtemmufoɔ tenenee no de bɛma me Ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyie no nyinaa nso bi.


ne mmakan a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no badwa, ne Onyankopɔn, nnipa nyinaa temmufoɔ no, ne ateneneefoɔ a wɔayɛ pɛ ahonhom,


Nanso Amonfoɔ hene antie Yefta nsɛm a ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ no no.


AWURADE atamfoɔ bɛwie pasaa, na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so. AWURADE bɛbu asase ano atɛn; ɔde ahoɔden bɛma ne hene, na wama deɛ wasra no ngo no abɛn so.


AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn, na AWURADE nnye m’aweretɔdeɛ wo nsam. Na me nsa deɛ, ɛrenka wo.


Sɛdeɛ tete bɛ no ka no “Abɔnefoɔ so na bɔne fire”, na me nsa deɛ, ɛrenka wo.


Na AWURADE nyɛ ɔtemmufoɔ, na ɔmmu me ne wo ntam atɛn, na ɔnhunu na ɔnni m’asɛm mma me, na ɔmmu me atɛn nyi me wo nsam.


Na Dawid kaa nsɛm yi kyerɛɛ Saulo wieeɛ no, Saulo kaa sɛ: Wo nne nie, me ba Dawid? Na Saulo maa ne nne so suiɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan