Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 11:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam danseni; deɛ woseɛ yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam danseni; deɛ woseɛ yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Gilead ntuanofo no buaa no se, “Awurade ne yɛn dansefo. Yɛbɛyɛ sɛnea woka biara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Gilead ntuanofoɔ no buaa no sɛ, “Awurade ne yɛn danseni. Yɛbɛyɛ sɛdeɛ woka biara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam dansefo. Ampa ara nea wuse yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 11:10
16 Iomraidhean Croise  

Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Asɛmmɔne a wadi me da wo so. Me na mede m’afenaa mato wo kokom, na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn nti, ɔbu me animtia. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn.


Enti afei ka Onyankopɔn ntam kyerɛ me sɛ worentwa me ne me mma ne me mmanana nkontompo, na sɛ adɔeɛ a meyɛɛ woɔ no teɛ no, wode bi bɛyɛ me ne m’asase a woabɛyɛ hɔhoɔ wɔ soɔ yi.


Sɛ woteetee me mmammaa, na woware yerenom ka me mma ho a, obi nka yɛn ho deɛ, nanso Onyankopɔn ne me ne wo ntam danseni.


Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, ne wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n’agya suro ho ntam.


Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ.


ɛsiane sɛ wɔadi nkwaseasɛm Israel, na wɔafefa wɔn mfɛfoɔ yerenom, na wɔaka me din mu atorosɛm a menhyɛɛ wɔn, na me na menim, na mene danseni, AWURADE asɛm nie.


Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: AWURADE nyɛ yɛn nokorɛ danseni pintinn sɛ AWURADE wo Nyankopɔn asɛm biara a ɔde bɛsoma wo yɛn nkyɛn no, sɛ ɛnyɛ saa na yɛbɛyɛ a, yɛka!


Aman nyinaa, montie, asase ne ne mayɛ, monwɛn aso, na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdanseni ntia mo, AWURADE a ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu no.


Mama no afiri adi, asafo AWURADE asɛm nie, na abɛhyɛne owifoɔ fie ne deɛ ɔde me din keka ntanhunu fie, na asoɛ ne fie mfimfini, na ahye ɛno ne emu nnua ne emu aboɔ.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na me danseni ne Onyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ mennyae mo din bɔ da, me mpaebɔ mu,


Awurade Yesu Nyankopɔn ne n’Agya a nhyira nka no daa no nim sɛ merenni atorɔ.


Na mehyɛɛ mo atemmufoɔ no mmara berɛ no mu sɛ: Montie mo nuanom ntam nsɛm, na mommu ntɛntenenee onipa ne ne nua ne ne hɔhoɔ ntam.


Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ mode me sane kɔ sɛ me ne Amonfoɔ nkɔko na AWURADE de wɔn hyɛ me nsa a, me na menni mo tiri anaa?


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE ne mo danseni, na deɛ wasra no yi ne ɔdanseni nnɛ, sɛ moanhunu biribiara me nsam. Na wɔkaa sɛ: Ɔne danseni.


AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn, na AWURADE nnye m’aweretɔdeɛ wo nsam. Na me nsa deɛ, ɛrenka wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan