Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 10:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Bio, Israelfo yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsom Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filisti anyame. Wɔtwee wɔn ho fii Awurade ho a wɔansom no koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Bio, Israelfoɔ yɛɛ Awurade ani so bɔne. Wɔsomm Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filistia anyame. Wɔtwee wɔn ho firii Awurade ho a wɔansom no koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfo anyame ne Filistifo anyame, na wogyaw AWURADE hɔ na wɔansom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 10:6
32 Iomraidhean Croise  

ɛsiane sɛ wɔagya me na wɔakɔsɔre Sidonfoɔ nyamewa Astoret ne Moabfoɔ nyame Kemos ne Amon mma nyame Milkom, na wɔannante m’akwan mu sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ ne m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ sɛ n’agya Dawid.


Na Salomo kɔdii Sidonfoɔ nyamewa Astoret ne Amonfoɔ Milkom a ɛyɛ akyiwadeɛ no akyi.


Ɛno mu na Salomo sii sorɔnsorɔmmea maa Moabfoɔ Kemos a ɛyɛ akyiwadeɛ, bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ so, ne Amon mma Molek a ɛyɛ akyiwadeɛ.


Na ɛyɛɛ hare maa no sɛ ɔbɛnante Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfoɔ hene Etbaal babaa Isebel waree, na ɔkɔ kɔsomm Baal na ɔsɔree no.


Na wɔgyaa AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔaguo, nantwie mma mmienu fae, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal.


Na sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Yerusalem anim a ɛwɔ ɔsɛeɛ bepɔ nifa soɔ a Israelhene Salomo si maa Sidonfoɔ Astoret a ɛyɛ akyiwadeɛ ne Moabfoɔ Kemos, a ɛyɛ akyiwadeɛ ne Amon mma Milkom a ɛyɛ atantanneɛ no, ɔhene guu ho fi.


na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Damasko anyame a wɔkaa no guiɛ no, na ɔkaa sɛ: Siria ahemfo no anyame na wɔboa wɔn nti, wɔn na mɛbɔ wɔn afɔdeɛ na wɔaboa me. Nso wɔn na wɔyeyɛɛ ɔno ne Israel nyinaa suntidua.


Na wɔsom wɔn ahoni, na ɛdanee wɔn fidie.


Sidon, ma w’ani nwu: Na ɛpo mu abankɛseɛ, ka sɛ: Menkyemm na menwoo mma da, na menyɛnee mmeranteɛ na mentetee mmabaa.


Na bɔne mmienu na me man ayɛ: Wɔagya me a meyɛ nkwa asutire no, sɛ wɔrekɔbɔre mmura a apaepae a ɛntumi nkura nsuo.


Na mefiri teteete na mebubuu wo kɔnnua tetee wo nkyehoma mu, na wokaa sɛ: Merensom! Ɛfiri sɛ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ adwaman.


Na wɔba bɛdii soɔ no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


Siria ne wo di dwa, w’adeɛ a woyɛeɛ no dodoɔ nti. Nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne bota ne nnenkyenema na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ.


Sɛ wo nuabarima, wo na ba anaa wo babarima anaa wo babaa anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa w’adamfo a ɔte sɛ wo ara wo kra redaadaa wo kokoam sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nnim wɔn,


mpene no na ntie no, na mma w’ani nnhu no mmɔbɔ, nanso mma no nnyɛ wo mmɔbɔ na mfa no nhunta.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, worebɛti wo nananom wɔ asamando na ɔman yi bɛsɔre akɔdi asase a wɔrekɔ soɔ no anyame akyi adwamammɔ mu, na wɔagya me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pameeɛ no.


Na me bo bɛfu wɔn da no, na magya wɔn, na mayi m’ani ahunta wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn ama wɔaka no da no sɛ: Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa?


Na Yesurum dɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie; woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa.


ne Gilead fa ne Astarot ne Edrei, Og ahennie nkuro a ɛwɔ Basan no. Wɔde maa Manase ba Makir mma, sɛ ɛnyɛ Makir mma fa dea, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.


Na Yair wui, na wɔsiee no Kamon.


Ɛnyɛ deɛ wo nyame Kemos de maa wo sɛ di soɔ na wobɛfa adi soɔ anaa? Na adeɛ biara a AWURADE Nyankopɔn agye de ama yɛn sɛ yɛnni soɔ no, ɛno na yɛbɛfa adi soɔ.


Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan.


Na Filistifoɔ asafohene no hyiaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ kɛseɛ ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.


Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.


Na Israelfoɔ no kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; nso na Ehud awu.


Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfeɛ nson.


Na Gideon wuiɛ no, Israelfoɔ sane kɔdii Baalim akyiri adwamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.


Na Filistifoɔ no de Nyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fie, na wɔde kɔsii Dagon nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan