Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 1:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na wɔde Hebron maa Keleb, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu Anak mma baasa no firii hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na wɔde Hebron maa Keleb, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu Anak mma baasa no firii hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛnea na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pam nnipa a na wɔyɛ Anak mmabarima baasa no asefo no fii hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛdeɛ na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pamoo nnipa a na wɔyɛ Anak mmammarima baasa no asefoɔ no firii hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na wɔde Hebron maa Kaleb, sɛnea Mose kae no, na otuu Anak mma baasa no fii hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 1:20
10 Iomraidhean Croise  

Na wɔforo faa nifa fam, na wɔduruu Hebron deɛ Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron deɛ, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim.)


Na m’akoa Kaleb deɛ, sɛ honhom a ɛso wɔ ne mu na wadi m’akyi awie nti, mede no bɛduru asase a ɔkɔɔ soɔ no so, na n’asefoɔ adi so.


Gye Yefune ba Kaleb, ɔno na ɔbɛhunu, na ɔno na mede asase a ɔtiaa soɔ no bɛma no ne ne mma, ɛfiri sɛ wadi AWURADE akyi.


Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa foro firii Eglon kɔɔ Hebron, na ɔne wɔn koe.


Na Yosua baa berɛ no mu bɛtwitwaa Anakfoɔ no gu firii mmepɔ no so, firii Hebron, Debir, Anab ne Yuda mmepɔ nyinaa ne Israel mmepɔ nyinaa so, na Yosua sɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa pasapasa.


Nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba. Arba yi ne Anakfoɔ mu nipa kɛseɛ koraa. Na asase no so dwo firii akodie mu.


Na Yuda sii mu kɔɔ Kanaanfoɔ a wɔte Hebron no ho, (nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba), na wɔkumm Sesai ne Ahiman ne Talmai.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan