Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 1:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na Yuda ne ne nua Simeon sii mu kɔe kɔkunkumm Kanaanfoɔ a wɔte Sefat no, na wɔsɛee no pasapasa, na wɔfrɛɛ kuro no din Horma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Na Yuda ne ne nua Simeon sii mu kɔe kɔkunkumm Kanaanfoɔ a wɔte Sefat no, na wɔsɛee no pasapasa, na wɔfrɛɛ kuro no din Horma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Afei, Yuda ne Simeon ka bɔɔ mu ko tiaa Kanaanfo a wɔte Sefat no sɛee kurow no pasaa. Enti wɔtoo kurow no din Horma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Afei, Yuda ne Simeon ka bɔɔ mu ko tiaa Kanaanfoɔ a wɔte Sefat no sɛee kuro no pasaa. Enti, wɔtoo kuro no edin Horma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Na Yuda ne ne nua Simeon siim kɔe kokunkum Kanaanfo a wɔte Sefat no, na wɔsɛee no pasaa, na wɔfrɛɛ kurow no din Horma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 1:17
6 Iomraidhean Croise  

Na Asa firii adi kɔhyiaa no, na wɔbaee wɔn mpasua mu wɔ Sefata bonhwa mu, Maresa ho.


Ɛnna Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no siane ba bɛkunkumm wɔn bobɔɔ wɔn pete kɔduruu Horma.


Na AWURADE tiee Israel nne, na ɔde Kanaanfoɔ no mae, na wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro pasapasa, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Horma.


Eltolad, Betul, Horma,


Na Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: Ɛne me nkɔ me kyɛfa mu na yɛne Kanaanfoɔ nkɔko, na me nso me ne wo bɛkɔ wo kyɛfa mu. Na Simeon ne no kɔe.


ne wɔn a wɔwɔ Horma ne wɔn a wɔwɔ Kor-asan ne wɔn a wɔwɔ Atak,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan