Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 1:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Kaleb kaa sɛ: Deɛ ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Kaleb kaa sɛ: Deɛ ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na Kaleb kae se, “Mede me babea Aksa bɛma obi a ɔbɛtow ahyɛ Kiriat-Sefer kurow no so na wadi so no aware.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Kaleb kae sɛ: Nea ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babea Aksa mɛma no aware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 1:12
8 Iomraidhean Croise  

Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro denden no mu, hwan na ɔbɛgya me akɔ Edom?


Monwareware yerenom, na monwowo mmabanin ne mmammaa, na monwareware yerenom mma mo mma, na momfa mo mmammaa mmema ekununom awareɛ, na wɔnwowo mmabanin ne mmammaa, na monnɔɔso ɛhɔnom na moansua.


Na ɔfiri hɔ foro kɔɔ Debirfoɔ ho; nso akane no na Debir din ne Kiriat-sefer.


Na wɔfiri hɔ kɔɔ Debirfoɔ ho. Akane no na Debir din ne Kiriat-sefer.


Na Kaleb nua kumaa Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ.


Na Israel mmarima no kekaa sɛ: Sɛ moahunu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel ara na waba rebɛtwa wɔn poa; na onii ko a ɔbɛku no no, ɔhene bɛma no anya ne ho sɛ, na ɔde ne babaa bɛma no aware, na wama n’agya fie ade wɔn ho wɔ Israel.


Na Saulo nkoa no kaa nsɛm yi guu Dawid aso mu. Na Dawid kaa sɛ: Ɛyɛ mo ani so adewa sɛ obi bɛyɛ ɔhene aseɛ? Na me deɛ, meyɛ onipa hiani a m’akyiri nyɛ duro.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan