Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 9:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Na ɔtenee ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefoɔ ne akunafoɔ no de no anikan kyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Na ɔtenee ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefoɔ ne akunafoɔ no de no anikan kyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Petro soo ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei Petro frɛɛ agyidifo no ne akunafo no nyinaa de no maa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Petro sɔɔ ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei, Petro frɛɛ agyidifoɔ no ne akunafoɔ no nyinaa de no maa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Na ɔteɛɛ ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefo ne akunafo no de no anikan kyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 9:41
15 Iomraidhean Croise  

na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yosef da so te ase, na ɔdi Misraim asase nyinaa so. Na ne tirim yɛɛ no naa, ɛfiri sɛ na ɔnnye wɔn nni.


Na Elia faa abɔfra no de no siane firii abansoro pia mu baa ɛdan no mu, na ɔde no brɛɛ ne na, na Elia se: Hwɛ, wo ba anya nkwa.


Na ɔkaa sɛ: Ma so fa! Na ɔtenee ne nsa fae.


Deɛ ɔreyɛ ayera no nhyira ba me so, na mema ɔbaa kunafoɔ nya abotɔyam.


AWURADE kora ahɔhoɔ, ɔgyina nwisiaa ne akunafoɔ akyi, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɔdane ani.


Na Yesu ba bɛsɔɔ ne nsa maa no so, na foɛ no gyaee, na ɔfirii aseɛ somm wɔn.


Na ɔbɛn kuro no pono akyiri no, hwɛ, na wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na babarima korɔ a wɔde no refiri adie. Na ɔbaa no yɛ okunafoɔ; na na kurom hɔfoɔ pii ka ne ho.


Na owufoɔ no sɔre tenaa ase, na ɔfirii aseɛ kasae, na ɔde no maa ne na.


Na wɔde abɔfra no baa wɔ anikan so, na ɛyɛɛ wɔn awerɛkyekyerɛ kɛseɛ.


Na ɔsɔɔ ne nsa nifa maa no so, na amonom hɔ ara ne nan ne ne nanpɔso yɛɛ den.


Na nna no mu a asuafoɔ no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenifoɔ no mu tiaa Hebrifoɔ no sɛ wɔbu wɔn ani gu wɔn akunafoɔ so daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no mu.


Na Anania buaa sɛ: Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm afiri nnipa bebree anomu sɛ ɔde bɔne pii ayɛ w’ahotefoɔ wɔ Yerusalem,


Na ɛbaa sɛ Petro kyinkyinii wɔn nyinaa soɔ no, ɔbaa ahotefoɔ a wɔte Lida no nso nkyɛn.


Di mmaa akunafoɔ a wɔyɛ akunafoɔ ampa no ni.


Na deɛ ɔyɛ okunafoɔ ampa, na aka ne nko no, ɔde n’ani to Nyankopɔn so, na ɔkura nkotosrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan