Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 9:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 ma otwa hwee fam. Afei, ɔtee nne bi se, “Saulo! Adɛn nti na wotaa me?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 maa ɔtwa hwee fam. Afei, ɔtee nne bi sɛ, “Saulo! Adɛn enti na wotaa me?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 9:4
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔbisaa sɛ: Hagar, Sarai afenaa, wofiri he na woreba, na worekɔ he ni? Na ɔse: Mefiri m’awuraa Sarai anim na meredwane.


Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ no sɛ: Abraham, Abraham! Na ɔse: Menie.


Na AWURADE Nyankopɔn frɛɛ Adam, na ɔbisaa no sɛ: Wowɔ he?


Na AWURADE hunuu sɛ wamane rehwɛ no, ɔfiri nkyɛkyerɛ no mu frɛɛ sɛ: Mose, Mose! Na ɔbuaa sɛ: Menie!


Na metee AWURADE nne sɛ ɔse: Hwan na mensoma no, na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mese: Meni, soma me!


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no, na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn; ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn, na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.


Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: N’animuonyam nti na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na deɛ ɔka mo no, waka AWURADE ani kosua.


Monsɔre mfiri asafo yi mu na memmene wɔn amonom. Na wɔde wɔn anim butubutuu fam.


Na ɔhene bɛbua ase wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me.


Na Awurade bua see no sɛ: Marta, Marta, wodwendwene, na woha wo ho nnoɔma pii ho;


Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Meni! no, wɔpimpinii akyire, na wɔhwehwee ase.


Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdanee ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Raboni! (aseɛ ne sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ).


Ɛnna wɔdidi wieeɛ no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sene yeinom? Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwammaa!


Na amonom hɔ ara ɔhwee ne nan ase wui. Na mmeranteɛ no ba bɛhunuu no sɛ wawuo no, wɔsoaa no firii adi kɔsiee no ne kunu nkyɛn.


Ɛnna ɔse: Ɛyɛ wo hwan a, Awurade? Na ɔse: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.


Enti hwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ne ne denyɛ! Ɔne wɔn a wɔahwehwe aseɛ no dii no dendeenden so, na wo deɛ, Onyankopɔn kyerɛɛ n’yamyɛ no wɔ wo so, nanso gye sɛ wotena saa ayamyɛ no mu ara; anyɛ saa a, wɔbɛtwa wo nso atwene.


Na sɛdeɛ nipadua yɛ baako, na ɛwɔ akwaa bebree, na akwaa yi nyinaa dɔɔso nanso ɛyɛ nipadua baako no, saa ara na Kristo nso teɛ.


Na hwan na ɔma wo da nso wɔ afoforɔ mu? Na ɛdeɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wonyae a, adɛn nti na wohoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ nya na wonyaeɛ?


Ɛfiri sɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan