Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 9:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ borɔno a wɔfrɛ no Turodoo no so, na kɔbisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no akyiri kwan wɔ Yuda fie; na hwɛ, ɔrebɔ mpaeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ borɔno a wɔfrɛ no Turodoo no so, na kɔbisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no akyiri kwan wɔ Yuda fie; na hwɛ, ɔrebɔ mpaeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kɔ Yuda fi a ɛwɔ Ɔtempɔn Tee no so na kobisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no ase; ɔrebɔ mpae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ Yuda efie a ɛwɔ Tempɔn Tee no so na kɔbisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no ase; ɔrebɔ mpaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ borɔn a wɔfrɛ no: Turodoo no so, na kobisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no akyi kwan wɔ Yuda fi; na hwɛ, ɔrebɔ mpae,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 9:11
28 Iomraidhean Croise  

na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.


Na ɔkaa yɛn sɛdeɛ ɔhunuu ɔbɔfoɔ sɛ ɔgyina ne fie hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Soma nnipa kɔ Yopa kɔhyia Simon a wɔfrɛ no Petro.


Na ɔfiri hɔ kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo;


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa.


Na Paulo kaa sɛ: Meyɛ Yudani a mefiri Tarso, Kilikia kuro a ɛwɔ din pa ara no mu nipa ne me. Nanso mesrɛ wo, ma me kwan na menkasa menkyerɛ ɔman no.


Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.


Enti sakyera w’adwene firi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde w’akoma mu adwene no bɛkyɛ wo.


Na Awurade bɔfoɔ kasa kyerɛɛ Filipo sɛ: Sɔre kɔ anafoɔ fam kwan a ɛsiane firi Yerusalem kɔ Gasa no so! Ɛyɛ anwea pradada so kwan.


Na anuanom no teɛɛ no, wɔde no siane kɔɔ Kaesarea, na wɔgyaa no kwan maa no kɔɔ Tarso.


Na ɛhɔ nso mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa hwehwɛ n’akyiri kwan a, mobɛhu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan